Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 15:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Ná Israelfoɔ nyinaa nam kwan so de Yehowa apam adaka no reba; wɔbɔɔ ose,+ na wɔhyɛn mmɛn ne ntotorobɛnto,+ bɔɔ nnawuro ne asankuo ahodoɔ nyinaa bi dendeenden.+

  • 2 Berɛsosɛm 5:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Lewifoɔ nnwontofoɔ+ a wɔfiri Asaf,+ Heman,+ ne Yedutan mu+ ne wɔn mma ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera pa, na wɔmemaa nnawuro* ne asankuo ne asankuten so bɛgyinagyinaa afɔrebukyia no nifa so; ná asɔfoɔ 120 a wɔrehyɛn ntotorobɛnto ka wɔn ho.+

  • 2 Berɛsosɛm 7:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ná asɔfoɔ no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifoɔ no nso kurakura nnwontoɔ nneɛma a wɔbɔ di nnwontofoɔ a wɔyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwontoɔ nneɛma no sɛ berɛ biara a ɔne wɔn* bɛyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfoɔ no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntotorobɛnto dendeenden;+ saa berɛ no, na Israelfoɔ no nyinaa gyinagyina hɔ.

  • Esra 3:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem wieeɛ no,+ asɔfoɔ a wɔhyehyɛ asɔfotaadeɛ kurakura ntorobɛnto,+ ne Lewifoɔ, Asaf mma, a wɔkurakura nnawuro* no sɔre yii Yehowa ayɛ, sɛdeɛ Israel hene Dawid kyerɛeɛ no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane