Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yehowa animuonyam hyɛɛ asɔrefie no ma (1-3)

      • Nneɛma a wɔyɛ de buee ɛdan no ano (4-10)

      • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (11-22)

2 Berɛsosɛm 7:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:54
  • +Le 9:24; 1Be 21:26
  • +Ex 40:34, 35

2 Berɛsosɛm 7:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:11

2 Berɛsosɛm 7:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:62, 63

2 Berɛsosɛm 7:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Esr 6:16

2 Berɛsosɛm 7:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Lewifoɔ no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 25:7; 2Be 5:11, 12
  • +2Be 5:13

2 Berɛsosɛm 7:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 1:3
  • +2Be 4:1
  • +Le 2:1
  • +Le 4:8-10; 1Ah 8:64-66

2 Berɛsosɛm 7:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Hamat kwan ano.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:34; De 16:13
  • +Nu 34:2, 5, 8

2 Berɛsosɛm 7:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Afahyɛ da no adekyeeɛ anaa da a ɛtɔ so 15.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:36

2 Berɛsosɛm 7:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 6:41
  • +De 16:15

2 Berɛsosɛm 7:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔhene fie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ɔsɛ 2:4
  • +1Ah 9:1-3

2 Berɛsosɛm 7:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 1:7
  • +De 12:5, 6; Dw 78:68

2 Berɛsosɛm 7:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 43:10
  • +Le 26:41; 2Be 33:12, 13
  • +Yes 55:7
  • +2Be 6:39

2 Berɛsosɛm 7:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 6:40

2 Berɛsosɛm 7:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:21
  • +2Be 6:20

2 Berɛsosɛm 7:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 9:4, 5

2 Berɛsosɛm 7:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:12, 13
  • +Dw 89:28, 29
  • +1Ah 2:4

2 Berɛsosɛm 7:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:5; 1Ah 9:6-9

2 Berɛsosɛm 7:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔde ayɛ akasabebuo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:25, 26; 2Ah 17:20
  • +De 28:37; Yer 24:9

2 Berɛsosɛm 7:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:8; Da 9:12
  • +De 29:24, 25; 2Ah 25:8, 9; Yer 22:8, 9

2 Berɛsosɛm 7:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 15:2
  • +Ex 12:51
  • +Yes 2:8; Yer 2:11
  • +2Be 36:17

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 7:11Ah 8:54
2 Be. 7:1Le 9:24; 1Be 21:26
2 Be. 7:1Ex 40:34, 35
2 Be. 7:21Ah 8:11
2 Be. 7:41Ah 8:62, 63
2 Be. 7:5Esr 6:16
2 Be. 7:61Be 25:7; 2Be 5:11, 12
2 Be. 7:62Be 5:13
2 Be. 7:7Le 1:3
2 Be. 7:72Be 4:1
2 Be. 7:7Le 2:1
2 Be. 7:7Le 4:8-10; 1Ah 8:64-66
2 Be. 7:8Le 23:34; De 16:13
2 Be. 7:8Nu 34:2, 5, 8
2 Be. 7:9Le 23:36
2 Be. 7:102Be 6:41
2 Be. 7:10De 16:15
2 Be. 7:11Ɔsɛ 2:4
2 Be. 7:111Ah 9:1-3
2 Be. 7:122Be 1:7
2 Be. 7:12De 12:5, 6; Dw 78:68
2 Be. 7:14Yes 43:10
2 Be. 7:14Le 26:41; 2Be 33:12, 13
2 Be. 7:14Yes 55:7
2 Be. 7:142Be 6:39
2 Be. 7:152Be 6:40
2 Be. 7:16De 12:21
2 Be. 7:162Be 6:20
2 Be. 7:171Ah 9:4, 5
2 Be. 7:182Sa 7:12, 13
2 Be. 7:18Dw 89:28, 29
2 Be. 7:181Ah 2:4
2 Be. 7:19Ex 20:5; 1Ah 9:6-9
2 Be. 7:20De 4:25, 26; 2Ah 17:20
2 Be. 7:20De 28:37; Yer 24:9
2 Be. 7:212Be 29:8; Da 9:12
2 Be. 7:21De 29:24, 25; 2Ah 25:8, 9; Yer 22:8, 9
2 Be. 7:222Be 15:2
2 Be. 7:22Ex 12:51
2 Be. 7:22Yes 2:8; Yer 2:11
2 Be. 7:222Be 36:17
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 7:1-22

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

7 Berɛ a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ,+ egya firi soro+ bɛhyee ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔdeɛ no nyinaa, na Yehowa animuonyam hyɛɛ fie no ma.+ 2 Yehowa animuonyam a ɛhyɛɛ Yehowa fie no ma nti, asɔfoɔ no antumi anwura Yehowa fie no mu.+ 3 Berɛ a egya no firi soro baeɛ, na Yehowa animuonyam baa efie no so no, Israel mma nyinaa hunuiɛ, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam ɛkwan a aboɔ sam so no so, na wɔdaa Yehowa ase sɛ, “ɔyɛ na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”

4 Afei ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ afɔreɛ wɔ Yehowa anim.+ 5 Ɔhene Solomon de anantwie 22,000 ne nnwan 120,000 na ɛbɔɔ afɔreɛ no. Enti ɔhene ne ɔman no nyinaa buee nokorɛ Nyankopɔn fie no ano.+ 6 Ná asɔfoɔ no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifoɔ no nso kurakura nnwontoɔ nneɛma a wɔbɔ di nnwontofoɔ a wɔyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwontoɔ nneɛma no sɛ berɛ biara a ɔne wɔn* bɛyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfoɔ no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntotorobɛnto dendeenden;+ saa berɛ no, na Israelfoɔ no nyinaa gyinagyina hɔ.

7 Ɛnna Solomon yɛɛ Yehowa fie anim adihɔ no mfimfini hɔ kronkron, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no,+ na asomdwoeɛ afɔreɛ ho sradeɛ no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhye no; deɛ enti a Solomon yɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔrebukyia+ a ɔyɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ+ ne sradeɛ a wɔrebɛhye no nyinaa+ renkɔ so. 8 Saa berɛ no, Solomon dii afahyɛ no nnanson,+ ɔne Israel nyinaa; ná wɔyɛ badwa kɛseɛ a wɔfiri Lebo-Hamat* hyeɛ so kɔsi Egypt Subɔn ano.+ 9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe* no, wɔyɛɛ nhyiamu titire.+ Deɛ ɛteɛ ne sɛ, wɔde nnanson na ɛhyiraa afɔrebukyia no so, ɛnna wɔdii afahyɛ no nso nnanson. 10 Afei bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 23 no, ɔgyaa ɔman no kwan maa obiara kɔɔ ne fie, na nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama Dawid ne Solomon ne ne man Israel nti,+ wɔde anigyeɛ ne akomatɔyam na ɛkɔeɛ.+

11 Yehowa fie ne ahemfie* no, Solomon wiee ɛho adwuma nyinaa;+ biribiara a ɛbaa Solomon akomam sɛ ɔbɛyɛ wɔ Yehowa fie ne ɔno ara ne fie ho no, ɔtumi yɛɛ ne nyinaa.+ 12 Ɛnna Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon+ anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ no, na mayi ha sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ fie mma me.+ 13 Sɛ meto ɔsoro mu na nsuo antɔ, na sɛ mema mmɛbɛ bɛwe asaase no so nnɔbaeɛ, na mema nsanyareɛ a ɛdi awuo ba me man so, 14 na sɛ me man a me din da wɔn so no+ brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpaeɛ hwehwɛ m’akyiri akwan, na wɔtwe wɔn ho firi wɔn akwammɔne ho+ a, ɛnneɛ me nso mɛfiri ɔsoro atie na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, na masa wɔn asaase yareɛ.+ 15 Mɛbue m’ani ama mpaeɛ a wɔbɛbɔ wɔ ha no na mayɛ aso atie.+ 16 Afei mayi fie yi ayɛ no kronkron sɛ me din ntena ha afebɔɔ,+ na mɛma m’ani aku ho na mahwɛ so daa.+

17 “Na wo, sɛ wosom me sɛdeɛ wo papa Dawid som me no, na woyɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa, na wodi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so a,+ 18 ɛnneɛ me nso, mɛma w’ahennwa atim,+ sɛdeɛ me ne wo papa Dawid yɛɛ apam no.+ Meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so.’+ 19 Nanso, sɛ motwe mo ho, na mogyaa m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 20 ɛnneɛ asaase a mede ama Israel no, mɛtutu wɔn ase afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na wɔde aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+ 21 Na efie yi bɛdane amamfo, na obiara a ɔbɛtwam no bɛhunu ama ne ho adwiri no,+ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asaase yi ne efie yi sei?’+ 22 Na wɔbɛka sɛ, ‘Wɔagya Yehowa,+ wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asaase so+ no ntira; wɔagya no hɔ akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔakoto asɔre wɔn.+ Ɛno nti na ɔde amanehunu yi nyinaa aba wɔn so no.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane