Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 6
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Solomon kasa kyerɛɛ ɔman no (1-11)

      • Solomon mpaeɛ a ɔde buee asɔrefie no ano (12-42)

2 Berɛsosɛm 6:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:21; 1Ah 8:12, 13; Dw 97:2

2 Berɛsosɛm 6:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 132:13, 14

2 Berɛsosɛm 6:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:14-21

2 Berɛsosɛm 6:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:5, 6

2 Berɛsosɛm 6:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 48:1
  • +2Sa 7:8; 1Be 28:4

2 Berɛsosɛm 6:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:2; 1Ah 5:3

2 Berɛsosɛm 6:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wo ba a ɔbɛfiri w’asene mu aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 17:4

2 Berɛsosɛm 6:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:5; 29:23
  • +1Be 17:11

2 Berɛsosɛm 6:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 40:20; 1Ah 8:9

2 Berɛsosɛm 6:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:22

2 Berɛsosɛm 6:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:36
  • +1Ah 8:54

2 Berɛsosɛm 6:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 7:9; 1Ah 8:23-26

2 Berɛsosɛm 6:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:6
  • +2Sa 7:12, 13; 1Be 22:10

2 Berɛsosɛm 6:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:4; Dw 132:12

2 Berɛsosɛm 6:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:48
  • +2Be 2:6; Yes 40:12; Aso 17:24
  • +1Ah 8:27-30; Yes 66:1

2 Berɛsosɛm 6:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 26:2

2 Berɛsosɛm 6:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 6:10
  • +2Ah 19:20; 2Be 30:27
  • +2Be 7:12-14; Mik 7:18

2 Berɛsosɛm 6:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne yɔnko no frɛ nnome ba ne so.” Kyerɛ sɛ, ɔma no ka ntam sɛ deɛ ɔreka no, sɛ ɛyɛ nkontompo a, nnome mmra ne so.

  • *

    Nt., “nnome.”

  • *

    Nt., “nnome.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:31, 32

2 Berɛsosɛm 6:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bu ɔteneneeni no ɔteneneeni.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 34:11
  • +Yes 3:10, 11; Hes 18:20

2 Berɛsosɛm 6:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17; Yos 7:8, 11; Ate 2:14
  • +Da 9:3, 19
  • +Esr 9:5
  • +1Ah 8:33, 34

2 Berɛsosɛm 6:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 57:15
  • +Dw 106:47

2 Berɛsosɛm 6:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “woahiahia wɔn ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 14:13
  • +Le 26:19; De 28:23
  • +1Ah 8:35, 36

2 Berɛsosɛm 6:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 30:20, 21; 54:13
  • +1Ah 18:1

2 Berɛsosɛm 6:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔn apono nkuro.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ru 1:1; 2Ah 6:25
  • +Le 26:14, 16; De 28:21, 22
  • +Am 4:9; Hag 2:17
  • +De 28:38; Yoe 1:4
  • +2Be 12:2; 32:1
  • +1Ah 8:37-40

2 Berɛsosɛm 6:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 20:5, 6
  • +2Be 33:13
  • +Mme 14:10
  • +Da 6:10

2 Berɛsosɛm 6:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 63:15
  • +Dw 130:4
  • +1Sa 16:7; 1Be 28:9; Yer 11:20; 17:10

2 Berɛsosɛm 6:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:48; Ru 1:16; 2Ah 5:15; Yes 56:6, 7; Aso 8:27
  • +1Ah 8:41-43

2 Berɛsosɛm 6:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 22:27; 46:10

2 Berɛsosɛm 6:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 31:2; Yos 8:1; Ate 1:1, 2; 1Sa 15:3
  • +1Ah 8:44, 45
  • +2Be 14:11; 20:5, 6

2 Berɛsosɛm 6:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 37:36

2 Berɛsosɛm 6:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 130:3; Ɔsɛ 7:20; Ro 3:23
  • +Le 26:34; 1Ah 8:46-50; Da 9:7

2 Berɛsosɛm 6:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:40; Esr 9:6; Ne 1:6; Dw 106:6; Da 9:5

2 Berɛsosɛm 6:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 7:3
  • +De 30:1-3; Da 9:2, 3
  • +Da 6:10

2 Berɛsosɛm 6:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 51:36, 37

2 Berɛsosɛm 6:40

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mpaeɛ a ɛfa efie yi ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 7:15; 16:9; Dw 65:2; Yes 37:17

2 Berɛsosɛm 6:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 28:2
  • +Dw 65:4; 132:8-10

2 Berɛsosɛm 6:42

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “nyi deɛ woasra no no ani mfiri w’anim.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 1:34; Dw 18:50
  • +Aso 13:34

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 6:1Ex 20:21; 1Ah 8:12, 13; Dw 97:2
2 Be. 6:2Dw 132:13, 14
2 Be. 6:31Ah 8:14-21
2 Be. 6:5De 12:5, 6
2 Be. 6:6Dw 48:1
2 Be. 6:62Sa 7:8; 1Be 28:4
2 Be. 6:72Sa 7:2; 1Ah 5:3
2 Be. 6:91Be 17:4
2 Be. 6:101Be 28:5; 29:23
2 Be. 6:101Be 17:11
2 Be. 6:11Ex 40:20; 1Ah 8:9
2 Be. 6:121Ah 8:22
2 Be. 6:131Ah 6:36
2 Be. 6:131Ah 8:54
2 Be. 6:14De 7:9; 1Ah 8:23-26
2 Be. 6:151Ah 3:6
2 Be. 6:152Sa 7:12, 13; 1Be 22:10
2 Be. 6:161Ah 2:4; Dw 132:12
2 Be. 6:18Aso 7:48
2 Be. 6:182Be 2:6; Yes 40:12; Aso 17:24
2 Be. 6:181Ah 8:27-30; Yes 66:1
2 Be. 6:20De 26:2
2 Be. 6:21Da 6:10
2 Be. 6:212Ah 19:20; 2Be 30:27
2 Be. 6:212Be 7:12-14; Mik 7:18
2 Be. 6:221Ah 8:31, 32
2 Be. 6:23Hio 34:11
2 Be. 6:23Yes 3:10, 11; Hes 18:20
2 Be. 6:24Le 26:14, 17; Yos 7:8, 11; Ate 2:14
2 Be. 6:24Da 9:3, 19
2 Be. 6:24Esr 9:5
2 Be. 6:241Ah 8:33, 34
2 Be. 6:25Yes 57:15
2 Be. 6:25Dw 106:47
2 Be. 6:26Hes 14:13
2 Be. 6:26Le 26:19; De 28:23
2 Be. 6:261Ah 8:35, 36
2 Be. 6:27Yes 30:20, 21; 54:13
2 Be. 6:271Ah 18:1
2 Be. 6:28Ru 1:1; 2Ah 6:25
2 Be. 6:28Le 26:14, 16; De 28:21, 22
2 Be. 6:28Am 4:9; Hag 2:17
2 Be. 6:28De 28:38; Yoe 1:4
2 Be. 6:282Be 12:2; 32:1
2 Be. 6:281Ah 8:37-40
2 Be. 6:292Be 20:5, 6
2 Be. 6:292Be 33:13
2 Be. 6:29Mme 14:10
2 Be. 6:29Da 6:10
2 Be. 6:30Yes 63:15
2 Be. 6:30Dw 130:4
2 Be. 6:301Sa 16:7; 1Be 28:9; Yer 11:20; 17:10
2 Be. 6:32Ex 12:48; Ru 1:16; 2Ah 5:15; Yes 56:6, 7; Aso 8:27
2 Be. 6:321Ah 8:41-43
2 Be. 6:33Dw 22:27; 46:10
2 Be. 6:34Nu 31:2; Yos 8:1; Ate 1:1, 2; 1Sa 15:3
2 Be. 6:341Ah 8:44, 45
2 Be. 6:342Be 14:11; 20:5, 6
2 Be. 6:35Yes 37:36
2 Be. 6:36Dw 130:3; Ɔsɛ 7:20; Ro 3:23
2 Be. 6:36Le 26:34; 1Ah 8:46-50; Da 9:7
2 Be. 6:37Le 26:40; Esr 9:6; Ne 1:6; Dw 106:6; Da 9:5
2 Be. 6:381Sa 7:3
2 Be. 6:38De 30:1-3; Da 9:2, 3
2 Be. 6:38Da 6:10
2 Be. 6:39Yer 51:36, 37
2 Be. 6:402Be 7:15; 16:9; Dw 65:2; Yes 37:17
2 Be. 6:411Be 28:2
2 Be. 6:41Dw 65:4; 132:8-10
2 Be. 6:421Ah 1:34; Dw 18:50
2 Be. 6:42Aso 13:34
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 6:1-42

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

6 Saa berɛ no, Solomon kaa sɛ: “Yehowa se mununkum kusuu mu na ɔbɛtena.+ 2 Ɛnnɛ masi tenabea a ɛkorɔn ama wo, na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+

3 Afei, berɛ a Israel asafo no nyinaa gyinagyina wɔn nan so no, ɔhene danee n’ani kaa nsɛm bi de hyiraa Israel asafo no nyinaa.+ 4 Ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa a ɔbuee n’ano hyɛɛ me papa Dawid bɔ, na ɔnam ne nsa so ama no aba mu no; asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, 5 ‘Ɛfiri da a meyii me man firii Egypt asaase so de bɛsi nnɛ da yi, menyii Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie mma me din ntena hɔ,+ na menyii onipa bi nso sɛ ɔnni me man Israel anim. 6 Nanso mayi Yerusalem+ sɛ me din ntena hɔ, na mayi Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.’+ 7 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Israel Nyankopɔn Yehowa din.+ 8 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoma so adeɛ sɛ wobɛsi fie de me din ato so; woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma so. 9 Mmom ɛnyɛ wo na wobɛsi fie no; wo ba a wobɛwo no* na ɔbɛsi fie no de me din ato so.’+ 10 Yehowa ama ne bɔhyɛ aba mu, ɛfiri sɛ madi me papa Dawid adeɛ, na matena Israel ahennwa so+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ no.+ Afei nso, masi fie de Israel Nyankopɔn Yehowa din ato so, 11 na mede Adaka no asi hɔ; emu na apam a Yehowa ne Israelfoɔ yɛeɛ no wɔ.”+

12 Afei ɔkɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia no anim wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam.+ 13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere bamma bi de asi fie no adihɔ mfimfini.+ Ne tenten yɛ basafa* nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa; ɔkɔgyinaa so.) Afei ɔbuu nkotodwe wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni ɔsoro ne asaase so a ɔte sɛ wo; wo na wokora apam so, na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa som wo no.+ 15 Wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid bɔ, na woama no aba mu.+ Wo ara na wobuee w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 16 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no, ma no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yie na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woadi me mmara so yi a, ɛnneɛ daa w’aseni na ɔbɛtena Israel ahennwa so wɔ m’anim.’+ 17 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma ɛbɔ a wohyɛɛ w’akoa Dawid no mmra mu.

18 “Enti Onyankopɔn bɛtumi ne adasamma atena asaase so?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo sua ma wo,+ na kampɛsɛ efie a masi yi!+ 19 Nanso, O Yehowa me Nyankopɔn, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na tie w’akoa sufrɛ ne mpaeɛ a merebɔ wɔ w’anim yi. 20 Bue w’ani hwɛ fie yi awia ne anadwo, faako a wokaa sɛ wobɛma wo din atena no,+ na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no. 21 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotosrɛ;+ sɛ ɛduru w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+

22 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne, na ne yɔnko no ma no ka ntam* na ntam* no de asodie to ne so, na sɛ ɔba w’afɔrebukyia no anim wɔ fie yi mu berɛ a waka ntam*+ no a, 23 ɛnneɛ firi soro hɔ tie, na yɛ biribi fa bu wo nkoa no ntam atɛn; tua ɔbɔnefoɔ no ka ma deɛ ɔyɛeɛ no mmɛgu ne tiri so,+ na bu ɔteneneeni no bem* na dom no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+

24 “Sɛ ɛba sɛ wo man Israel kɔ so yɛ wo bɔne, ma enti wɔdi nkoguo wɔ atamfo anim,+ na sɛ wɔsan ba bɛhyɛ wo din animuonyam,+ na wɔbɔ mpaeɛ+ de wɔn nkotosrɛ ba w’anim wɔ fie yi mu+ a, 25 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie,+ na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na san fa wɔn bra asaase a wode maa wɔne wɔn agyanom no so.+

26 “Sɛ bɔne a wɔkɔ so yɛ wo nti,+ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ na brɛ a woabrɛ wɔn ase* nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ na wɔkamfo wo din a,+ 27 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn, na wo na wobɛkyerɛkyerɛ wɔn kwampa a wɔmfa so.+ Ma nsuo ntɔ+ w’asaase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ no so.

28 “Sɛ ɛkɔm na ɛbɛba asaase no so+ oo, sɛ nsanyareɛ a ɛdi awuo na ɛbɛba+ oo, sɛ ɛhyew na ɛbɛma nnɔbaeɛ awuwu oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn mfuo so+ oo, sɛ ntutummɛ anaa mmɛbɛ na ɛbɛba+ oo, sɛ wɔn atamfo na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro* no biara so+ oo, ɔhaw anaa yareɛ biara a ɛbɛba wɔn so no,+ 29 mpaebɔ+ anaa nkotosrɛ biara+ a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa de bɛba w’anim no, (ɛfiri sɛ obiara nim ne haw ne ne yea)+ sɛ wɔtrɛ wɔn nsam kyerɛ fie yi+ a, 30 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ na ma onipa biara akatua sɛdeɛ n’akwan teɛ, ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam (wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ ɔdasani akomam);+ 31 ɛno bɛma wɔasuro wo na wɔanante w’akwan so, nna dodoɔ a wɔbɛdi no asaase a wode maa yɛn agyanom no so.

32 “Afei ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu mpo, sɛ wo din kɛseɛ+ ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woatene mu nti ɔfiri akyirikyiri asaase so ba, na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ+ a, 33 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde ato w’anim nyinaa ma no, na ama asaase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛdeɛ wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din da efie a masi yi so.

34 “Sɛ wo man ne wɔn atamfo kɔko a, ɛmfa ho baabi a wobɛma wɔn akɔ no,+ sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayi yi ne efie a masi ama wo din+ yi bɔ wo mpaeɛ+ a, 35 ɛnneɛ, firi ɔsoro hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ na di wɔn asɛm ma wɔn.+

36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo (bɔne nso deɛ, onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bi),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no kye wɔn kɔ asaase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 37 na sɛ wɔn ani ba wɔn ho so wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛkoto srɛ wo wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne, yɛafom, na yɛadi amumuyɛsɛm,’+ 38 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔkyee wɔn kɔɔ so no so,+ na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayi+ ne efie a masi ama wo din no bɔ mpaeɛ a, 39 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn;+ wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.

40 “Afei me Nyankopɔn, mesrɛ wo bue w’ani hwɛ, na yɛ aso tie mpaeɛ a yɛbɔ wɔ fie ha*+ no. 41 O Yehowa Nyankopɔn, afei kɔ wo homebea,+ wo ne w’ahoɔden Adaka no. Yehowa Nyankopɔn, fa nkwagyeɛ fira w’asɔfoɔ, na ma w’anokwafoɔ nni ahurisie wo papayɛ mu.+ 42 O Yehowa Nyankopɔn, nto deɛ woasra no no ntwene.*+ Kae ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛda no adi akyerɛ w’akoa Dawid+ no nyinaa.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane