2 Berɛsosɛm
6 Saa berɛ no na Solomon kaa sɛ:+ “Yehowa aka sɛ mununkum kusuu+ mu na ɔbɛtena; 2 na me nso masi tenabea a ɛkorɔn ama wo,+ na mayɛ baabi a wobɛtena daa.”+
3 Afei, ɔhene danee n’ani sɛ ɔrehyira+ Israel badwa no nyinaa berɛ a Israel badwa no nyinaa gyinagyina wɔn nan soɔ no.+ 4 Na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ me papa Dawid,+ na ɔnam ne nsa so ama no aba mu+ no; ɔno na ɔkaa sɛ, 5 ‘Ɛfiri da a meyii me man firii Egypt asase so de bɛsi nnɛ da yi, menyii Israel mmusuakuo no kuro bi sɛ wɔnsi fie mma me wɔ hɔ na me din+ ntena hɔ, na menyii onipa bi nso sɛ ɔnni me man Israel anim.+ 6 Nanso mɛyi Yerusalem+ na me din atena hɔ, na mɛyi Dawid ama no adi me man Israel so.’+ 7 Ná ɛda me papa Dawid akoma so sɛ ɔbɛsi fie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn din.+ 8 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me papa Dawid sɛ, ‘Ɛsiane sɛ ɛda w’akoma so sɛ wobɛsi fie ama me din nti, woayɛ adeɛ sɛ ɛda w’akoma soɔ.+ 9 Na mmom efie no deɛ, ɛnyɛ wo na wobɛsie;+ wo ba a ɔbɛfiri w’asene mu aba na ɔbɛsi fie no ama me din.’+ 10 Yehowa ama asɛm a ɔkaeɛ no aba mu,+ asɛm a Yehowa kaa+ sɛ mɛsɔre abɛsi me papa Dawid ananmu+ na matena Israel ahennwa+ soɔ, na masi fie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn din,+ 11 na mede Adaka+ no asi hɔ no; emu na apam a Yehowa ne Israel mma yɛeɛ no wɔ.”+
12 Afei ɔkɔgyinaa Yehowa afɔrebukyia no anim wɔ Israel badwa no nyinaa anim+ trɛɛ ne nsam.+ 13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere pampa+ bi de asi fie no adihɔ,+ mfimfini. Ne ntwemu yɛ basafa nnum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ne tenten yɛ basafa mmiɛnsa; ɛso na ɔkɔgyinaeɛ.) Afei ɔbuu nkotodwe+ Israel badwa no nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ soro.+ 14 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ Onyame biara nni hɔ, ɔsoro ne asase so a ɔte sɛ woɔ;+ wo a wokora apam+ ne adɔeɛ so ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim+ no. 15 Wo na woama bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no aba mu;+ wo na wode w’ano hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ da yi wonam wo nsa so ama no aba mu.+ 16 Na afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no nnyina. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma+ hwɛ wɔn akwan yie na wɔnante me mmara+ mu sɛdeɛ woanante m’anim+ yi a, obusuani a ɔbɛtena Israel adwa soɔ remmɔ wo,+ m’anim.’ 17 O Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ ma bɔ+ a wohyɛɛ w’akoa Dawid no ntim.+
18 “Enti Onyankopɔn ne adasamma bɛtena asase so ampa ara?+ Hwɛ! Ɔsoro ne ɔsoro mu soro mpo ntumi nkora wo,+ na efie a masie yi na ɛbɛyɛ dɛn!+ 19 Nanso, dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ+ ne ne nkotɔsrɛ,+ O Yehowa me Nyankopɔn, na tie w’akoa sufrɛ+ ne mpaeɛ a merebɔ w’anim yi.+ 20 Bue w’ani+ hwɛ fie yi awia ne anadwo, baabi a wokaa sɛ wobɛma wo din atena+ no, na tie mpaeɛ a w’akoa de n’ani kyerɛ ha bɔ no.+ 21 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ+ a, tie yɛn nkotɔsrɛ;+ sɛ ɛduru w’asom, wo soro tenabea hɔ a, firi hɔ tie yɛn.+ Tie na fa kyɛ yɛn.+
22 “Sɛ onipa bi yɛ ne yɔnko bɔne+ na ne yɔnko no ma no di nse ka ntam ma asodie bɛda ne so,+ na ɔba w’afɔrebukyia no anim fie yi mu berɛ a wadi nseɛ no a,+ 23 ɛnneɛ firi wo soro hɔ tie+ na yɛ biribi+ fa bu wo nkoa no ntam atɛn, na ma ɔbɔnefoɔ no bɔne so akatua nkɔgu n’atifi,+ na bu ɔteneneeni no bem+ ma no, sɛdeɛ ne tenenee teɛ.+
24 “Sɛ wo man Israel di nkoguo wɔ atamfo anim,+ bɔne a wɔayɛ woɔ+ nti, na sɛ wɔsan ba+ bɛkamfo wo din,+ na wɔbɔ mpaeɛ+ de wɔn nkotɔsrɛ ba w’anim fie yi mu a,+ 25 ɛnneɛ wo ara firi soro hɔnom tie,+ na fa wo man Israel bɔne kyɛ wɔn,+ na san fa wɔn bra+ asase a wode maa wɔn ne wɔn agyanom no so.+
26 “Sɛ ɔsoro mu to na nsuo antɔ,+ bɔne+ a wɔayɛ woɔ nti, na brɛ a woabrɛ wɔn aseɛ nti, wɔsan firi wɔn bɔne ho de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ+ na wɔkamfo wo din a,+ 27 ɛnneɛ wo ara firi wo soro hɔ tie, na fa wo nkoa, wo man Israel bɔne kyɛ wɔn ɛfiri sɛ wo na wokyerɛkyerɛ+ wɔn kwan pa+ a wɔmfa soɔ; ma nsuo ntɔ+ w’asase a wode ama wo man sɛ wɔn agyapadeɛ+ no so.
28 “Sɛ ɛkɔm+ na ɛbɛba asase no so oo, sɛ yaredɔm+ na ɛbɛba oo, sɛ ɔhyew+ na ɛbɛba oo, sɛ yareɛ na ɛbɛsi wɔn afuo so+ oo, sɛ ntutummɛ+ ne ntɛfrɛ+ na ɛbɛba oo, sɛ wɔn atamfo+ na wɔbɛto ahyɛ wɔn nkuro so+ oo, ɔhaw anaa yareɛ+ biara a ɛbɛba wɔn soɔ no, 29 mpaebɔ+ anaa nkotɔsrɛ+ a onipa biara anaa wo man Israel+ nyinaa de bɛba w’anim no,—ɛfiri sɛ obiara nim ne haw+ ne ne yea—sɛ ɔtrɛ ne nsam kyerɛ fie yi a,+ 30 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ+ tie na fa bɔne kyɛ+ na ma onipa biara sɛdeɛ n’akwan teɛ,+ ɛfiri sɛ wo na wonim n’akomam+ (na wo nko ara na wonim deɛ ɛwɔ adasamma akomam);+ 31 ɛno bɛma wɔasuro+ wo na wɔanante w’akwan so wɔn nkwa nna nyinaa, nna dodoɔ a wɔbɛdi no asase a wode maa yɛn agyanom+ no soɔ no.
32 “Afei ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel+ mu mpo, sɛ wo din kɛseɛ ne wo nsa a ɛyɛ den+ ne wo basa a woatene mu+ nti ɔfiri akyirikyiri asase so ba,+ na ɔde n’ani kyerɛ fie yi bɔ mpaeɛ+ a, 33 ɛnneɛ wo ara firi ɔsoro, wo tenabea hɔ+ tie na yɛ ɔhɔhoɔ no abisadeɛ a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahunu wo din+ na wɔasuro+ wo sɛdeɛ wo man Israel suro woɔ no, na wɔahunu sɛ wo din da fie a masie yi so.+
34 “Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfo kɔko+ ɛkwan a wobɛsoma+ wɔn no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ kuro a woayie yi ne fie a masi ama wo din+ yi bɔ wo mpaeɛ+ a, 35 wo nso firi ɔsoro tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ+ na di wɔn asɛm ma wɔn.+
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo+ (ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne),+ na sɛ wo bo fu wɔn na wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma atamfo no de wɔn kɔ nkoasom mu, asase a ɛwɔ akyirikyiri anaa deɛ ɛbɛn so,+ 37 na wɔn ani ba wɔn ho so, asase a wɔde wɔn akɔyɛ nkoa wɔ hɔ no so, na wɔsan ba wo nkyɛn bɛkoto srɛ wo, asase a wɔyɛ nkoa+ wɔ hɔ no so na wɔka sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ yɛafom,+ na yɛadi amumuyɔsɛm,’+ 38 na sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn,+ asase a wɔyɛ nkoa+ wɔ soɔ, wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam, na wɔde wɔn ani kyerɛ asase a wode maa wɔn agyanom ne kuro a woayie+ ne fie a masi ama wo din yi bɔ mpaeɛ+ a, 39 wo nso firi ɔsoro, wo tenabea hɔ+ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotɔsrɛ,+ na di wɔn asɛm+ ma wɔn; wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa bɔne a wɔayɛ woɔ no kyɛ wɔn.+
40 “Afei me Nyankopɔn, bue w’ani,+ na yɛ aso+ tie fie yi ho mpaeɛ a merebɔ yi. 41 O Yehowa Nyankopɔn, ma wo mu so+ kɔ wo homebea,+ wo ne w’ahoɔden Adaka+ no. Yehowa Nyankopɔn, fa nkwagyeɛ fira w’asɔfoɔ, na ma w’anokwafoɔ nni ahurisie adepa mu.+ 42 O Yehowa Nyankopɔn, nyi deɛ woasra no no ani mfiri w’anim,+ na kae adɔeɛ a wokaa sɛ wobɛyɛ w’akoa Dawid no nyinaa.”+