Dwom 86:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan.+Mɛnante wo nokorɛ mu.+Ma me akoma koro na ɛnsuro wo din.+ Dwom 119:102 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 102 Memmane mfirii w’atemmusɛm ho,+Na wo na woakyerɛkyerɛ me.+ Yesaia 30:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduane ama wo na ɔde nhyɛsoɔ ayɛ nsuo ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no renhunta bio, na wode w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no.+ Yesaia 54:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa no ara bɛkyerɛkyerɛ+ wo mma+ nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.+
20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduane ama wo na ɔde nhyɛsoɔ ayɛ nsuo ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no renhunta bio, na wode w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no.+