Yesaia
54 “Obonini a woanwoɔ,+ di ahurisie! Wo a wontee awoɔ yea,+ ma w’ani nnye na fa ahosɛpɛ bɔ ose,+ ɛfiri sɛ ɔbaa a wɔapo no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu deɛ,”+ Yehowa na aka. 2 “Ma wo ntomadan mu ntrɛ.+ Ma wɔntwe wo tenabea kɛseɛ no ntoma mu. Nnya hwee. Ma wo ntomadan ahoma nyɛ tenten, na ma mpɛɛwa mu nyɛ den.+ 3 Wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum,+ na wo mma bɛfa aman adi so,+ na wɔbɛkyekyere nkuro a ɛda mpan atena mu.+ 4 Nsuro,+ na w’anim rengu ase;+ mma w’ani nnwu, na wo nsa rensi fam.+ Wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo,+ na worenkae wo kunayɛ mu ahohora bio.”
5 “Wo Yɛfoɔ Kɛseɛ+ no ne wo kunu,+ asafo Yehowa ne ne din.+ Israel Kronkronni no ne wo Gyefoɔ,+ na wɔbɛfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.+ 6 Yehowa frɛɛ wo te sɛ ɔbaa a ne kunu apo no ama ɔredi awerɛhoɔ,+ sɛ ɔbaa a waware ne mmabaaberɛ mu+ a wɔagyaa no,”+ wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
7 “Megyaa wo berɛ tiaa bi,+ nanso me mmɔborɔhunu kɛseɛ bɛka wo aboa ano.+ 8 Berɛ a m’abufuo yiriiɛ no, mede m’anim huntaa wo berɛ tiaa bi,+ nanso m’adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa nti, mɛhu wo mmɔbɔ,”+ wo Gyefoɔ+ Yehowa na aka.
9 “Mehunu yei sɛ Noa nna no.+ Na sɛdeɛ mekaa ntam sɛ Noa nsuo no remfa asase so bio no,+ saa ara na maka ntam sɛ me bo remfu wo na merenka w’anim bio.+ 10 Mmepɔ bɛfiri hɔ na nkokoɔ ahinhim,+ nanso m’adɔeɛ remfiri wo so,+ na m’asomdwoeɛ apam renhinhim,”+ Yehowa a ɔhu wo mmɔbɔ+ no na aka.
11 “O ɔbaa a wo ho hiahia woɔ,+ wo a ahum abɔ+ woɔ a wonni awerɛkyekyerɛ+ biara, mede dɔteɛ a ɛyɛ den bɛhyehyɛ w’aboɔ,+ na mede hoaboɔ+ bɛto wo fapem.+ 12 Mede aboɔden aboɔ kɔkɔɔ bɛto w’aban atifi, na mede nnyasramma aboɔ bɛyɛ wo kuro pono,+ na mede aboɔ a ɛyɛ fɛ bɛto w’ahyeɛ. 13 Yehowa no ara bɛkyerɛkyerɛ+ wo mma+ nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.+ 14 W’ase bɛtim tenenee mu.+ Wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛware,+ na worensuro obiara; wo ne ahudeɛ nso ntam bɛware, na ɛremmɛn wo.+ 15 Sɛ obi bɛto hyɛ wo so nso a, ɛnneɛ na ɛmfiri me.+ Na obiara a ɔde n’asɛm bɛba wo soɔ no, wo nti ɔbɛhwe ase.”+
16 “Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ, deɛ ɔhu+ gya+ mu yɛ akodeɛ sɛ ne nsa ano adwuma no. Na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ+ a ɔsɛe adeɛ. 17 Akodeɛ biara a wɔbɛyɛ de aba wo soɔ no renyɛ yie,+ na kɛtrɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo wɔ asɛnnie mu no, wobɛbu no fɔ.+ Yei ne Yehowa asomfoɔ agyapadeɛ,+ na wɔn tenenee firi me,” Yehowa asɛm nie.+