Yosua 24:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa. 1 Samuel 12:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Yehowa na monsuro+ no, na momfa mo akoma nyinaa nsom+ no nokorɛ mu; monkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama mo no.+ Dwom 43:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Soma wo hann ne wo nokorɛ.+Ma no mmɛdi m’anim.+Ma no mfa me mmra wo bepɔ kronkron no so ne wo ntomadan kɛseɛ no mu.+ Yesaia 38:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛdeɛ mede nokorɛdie+ ne akoma mũ+ anante+ w’anim, na mayɛ deɛ ɛsɔ w’ani biara.” Na Hesekia suu pii.+ Malaki 2:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Nokorɛ mmara wɔ n’anom,+ na wɔanhunu nkontomposɛm biara wɔ ne kɛtrɛma so. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne teeyɛ mu,+ na ɔdanee nnipa pii firii mmarato ho.+ Yohane 8:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 na mobɛhunu nokorɛ no,+ na nokorɛ no bɛma moade mo ho.”+ 2 Yohane 4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 M’ani agye paa ɛfiri sɛ mahunu sɛ wo mma+ no bi nam nokorɛ no mu,+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a yɛnya firii Agya no nkyɛn teɛ.+
14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.
24 Yehowa na monsuro+ no, na momfa mo akoma nyinaa nsom+ no nokorɛ mu; monkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama mo no.+
3 Soma wo hann ne wo nokorɛ.+Ma no mmɛdi m’anim.+Ma no mfa me mmra wo bepɔ kronkron no so ne wo ntomadan kɛseɛ no mu.+
3 sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, kae+ sɛdeɛ mede nokorɛdie+ ne akoma mũ+ anante+ w’anim, na mayɛ deɛ ɛsɔ w’ani biara.” Na Hesekia suu pii.+
6 Nokorɛ mmara wɔ n’anom,+ na wɔanhunu nkontomposɛm biara wɔ ne kɛtrɛma so. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne teeyɛ mu,+ na ɔdanee nnipa pii firii mmarato ho.+
4 M’ani agye paa ɛfiri sɛ mahunu sɛ wo mma+ no bi nam nokorɛ no mu,+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a yɛnya firii Agya no nkyɛn teɛ.+