Genesis 17:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Berɛ a Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ:+ “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Nante m’anim tēē, na mma asɛm biara mmma wo ho.+ Deuteronomium 18:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Hwɛ na wo ho amma asɛm Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ Dwom 119:80 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 80 Mma m’akoma mmfom w’ahyɛdeɛ ho,+Na m’ani anwu.+ Yohane 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokorɛ mu.”+
17 Berɛ a Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ:+ “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.+ Nante m’anim tēē, na mma asɛm biara mmma wo ho.+