Deuteronomium
18 “Lewifoɔ asɔfoɔ no, Lewi abusuakuo mũ no nyinaa,+ rennya kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ Israel. Egya afɔdeɛ a wɔbɔ ma Yehowa no ne kyɛfa a wɔbɛdie.+ 2 Enti Lewini biara rennya agyapadeɛ wɔ ne nuanom mu. Yehowa ne n’agyapadeɛ,+ sɛdeɛ waka akyerɛ no no.
3 “Berɛ biara a ɔman no de aboa bɛbɔ afɔdeɛ no, nantwie oo, odwan oo, asɔfoɔ no kyɛfa a wɔde bɛma wɔn nie: n’abasa ne n’apantan ne ne furu. 4 Afei fa w’ayuo a ɛdi kan ne wo nsã ne wo ngo foforɔ ne wo nnwan ho nwi a wobɛdi kan atwitwa ma no.+ 5 Ɔno na Yehowa wo Nyankopɔn ayi no afiri mmusua no nyinaa mu sɛ ɔne ne mma nsom Yehowa din mu daa.+
6 “Sɛ Lewini bi te Israel nkuro no bi mu+ na ne kra pɛ sɛ ɔba baabi a Yehowa akyerɛ+ no a, 7 ɛnneɛ ɔno nso nsom wɔ Yehowa ne Nyankopɔn din mu sɛdeɛ ne nuanom Lewifoɔ nyinaa gyina Yehowa anim som no no.+ 8 Deɛ wɔbɛdie no, ɔno nso bɛnya saa ara bi adi+ de aka deɛ ɔbɛnya afiri n’agyanom nneɛma a ɔbɛtɔn mu no ho.
9 “Sɛ woduru asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so a, nsua akyiwadeɛ a saa aman no yɛ no bi.+ 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa gya mu,+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne+ anaa ɔdi asumansɛm,+ 11 deɛ ɔkyekyere afoforɔ+ anaa ɔkɔ abisa,+ ɔkɔmfoɔ+ anaa samanfrɛfoɔ.+ 12 Yehowa kyiri obi a ɔyɛ yeinom, na akyiwadeɛ yi nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim yi.+ 13 Hwɛ na wo ho amma asɛm Yehowa wo Nyankopɔn anim.+
14 “Aman a worekɔtu wɔn no tie nkonyaayifoɔ+ ne wɔn a wɔhyɛ abosonkɔm.+ Nanso wo deɛ, Yehowa wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ saa.+ 15 Mmom Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri wo nuanom mu ama wo; ɔno na montie no.+ 16 Yei na wobisaa Yehowa wo Nyankopɔn wɔ Horeb, da a asafo no bɔɔ dwa no.+ Saa da no na wokaa sɛ, ‘Mma mennte Yehowa me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu egya kɛseɛ yi bio na manwu.’+ 17 Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wɔaka no nyinaa yɛ.+ 18 Mɛyi odiyifoɔ bi te sɛ wo afiri wɔn nuanom mu ama wɔn,+ na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anom,+ na deɛ mɛka akyerɛ no biara, ɔbɛka akyerɛ wɔn.+ 19 Obiara a wantie m’asɛm a ɔbɛka no me din mu no, mɛma no ayi n’ano.+
20 “‘Nanso sɛ odiyifoɔ bi sɔre gyina de me din ka biribi a menhyɛɛ no sɛ ɔnka+ anaa ɔde anyame foforɔ din ka biribi a,+ saa odiyifoɔ no nwu.+ 21 Na ebia wobɛka no w’akomam sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn ahunu asɛm a Yehowa nkaeɛ?”+ 22 Sɛ odiyifoɔ no de Yehowa din ka asɛm bi na amma mu a, ɛnneɛ na asɛm no mfiri Yehowa. Ahantan na ɛmaa odiyifoɔ no kaa saa.+ Nsuro no.’+