14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
11 Na Hanania+ kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Saa ara na mfeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ, mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.+