Yeremia
28 Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahennie no mfitiaseɛ, afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnum no, Asor ba odiyifoɔ Hanania+ a ɔfiri Gibeon+ no ka kyerɛɛ me, asɔfoɔ no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Mfeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ, mɛsan de Yehowa fie anwenneɛ a Babilon+ hene Nebukadnesar de firi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’” 4 “‘Na Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda atukɔfoɔ a wɔde wɔn kɔ Babilon+ no nyinaa, meresan de wɔn aba ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛbubu Babilon hene kɔndua+ no mu.’”
5 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania, asɔfoɔ no ne ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina Yehowa fie hɔ no nyinaa anim;+ 6 asɛm a odiyifoɔ Yeremia kaeɛ ne sɛ: “Amen!+ Yehowa nyɛ saa! Yehowa mma wo nsɛm a wode rehyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fie anwenneɛ no ne atukɔfoɔ no nyinaa afiri Babilon aba ha no nyɛ hɔ!+ 7 Nanso tie asɛm a mereka no w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi.+ 8 Adiyifoɔ a wɔdii me ne wo nyinaa anim firi tete no,+ wɔn nso hyɛɛ nsase pii ne ahennie akɛseɛ ho nkɔm sɛ ɛko ne mmusuo ne owuyareɛ bɛba wɔn so.+ 9 Odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no,+ sɛ odiyifoɔ no nsɛm ba mu a, ɛno na ɛma wɔhunu sɛ Yehowa na ɔsomaa odiyifoɔ no ampa.”+
10 Ɛnna odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho, na ɔbubuu mu.+ 11 Na Hanania+ kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Saa ara na mfeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ, mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.+
12 Berɛ a odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho bubuu mu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia+ nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Dua kɔndua+ na woabubu mu, na dadeɛ kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.”+ 14 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Dadeɛ kɔndua na mede bɛto amanaman no nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar;+ som na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “Tie ɛ, O Hanania! Yehowa nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atosɛm soɔ.+ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asase so. Afe yi, owuo na wobɛwuo,+ ɛfiri sɛ woakasa atuateɛ so atia Yehowa.’”+
17 Enti odiyifoɔ Hanania wuu saa afe no ara mu bosome a ɛtɔ so nson no mu.+