Yeremia
27 Asɛm yi firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yosia+ ba Yehoiakim a ɔyɛ Yuda hene no ahennie mfitiaseɛ sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie, ‘Yeyɛ kɔndua+ ne deɛ ɛsosɔ mu, na fa to wo kɔn ho.+ 3 Fa hyɛ asomafoɔ a wɔreba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no nsam na wɔmfa nkɔmema Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfoɔ+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene. 4 Na fa ahyɛdeɛ yi ma wɔn na wɔmfa nkɔma wɔn wuranom sɛ:
“‘“Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn+ aka nie; deɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie, 5 ‘Me na mede m’ahoɔden+ kɛseɛ ne me basa a matene mu+ yɛɛ asase+ ne adasamma+ ne mmoa+ a wɔwɔ asase soɔ, na mede ma obiara a ɛtene m’ani so sɛ mede bɛma no.+ 6 Na me na mede nsase yi nyinaa ahyɛ Babilon hene Nebukadnesar,+ m’akoa no nsa;+ mede wuram mmoa nso ama no sɛ wɔnsom no.+ 7 Na ɔno na aman nyinaa bɛsom no,+ ɔne ne ba ne ne banana, akɔsi sɛ n’asase berɛ bɛsõ+ ama aman ne ahemfo akɛseɛ pii de no ayɛ akoa ama no asom wɔn.’+
8 “‘“‘Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie biara a wɔrensom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ Babilon hene kɔndua ase no, nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ na mede bɛba saa ɔman no soɔ akɔsi sɛ menam ne nsa so bɛma wɔasa,’+ Yehowa asɛm nie.
9 “‘“‘Na mo deɛ, mo adiyifoɔ+ ne mo akɔmfoɔ ne mo adaeɛsofoɔ+ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, monntie wɔn. 10 Nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo na ama wɔatu mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri; mɛbɔ mo ahwete, na mobɛyera.+
11 “‘“‘Ɔman a wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ Babilon hene kɔndua ase na wɔasom no no deɛ, me nso mɛma wɔahome wɔ wɔn asase so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔbɛdɔ na wɔatena so.’”’”+
12 Yuda hene Sedekia+ mpo, mekaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no+ sɛ: “Momfa mo kɔn nkɔhyɛ Babilon hene kɔndua ase na monsom ɔne ne man, na moatena nkwa mu.+ 13 Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ ano sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ amanaman a wɔnsom Babilon hene no teɛ no? 14 Na adiyifoɔ a wɔreka nsɛm yi kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’+ no, monntie wɔn, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm nie, ‘nkɔntorɔ na wɔhyɛ no me din mu na ama mabɔ mo ahwete,+ na moayera,+ mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nyinaa.’”+
16 Asɔfoɔ ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ, wɔde Yehowa anwenneɛ no bɛfiri Babilon aba nnansa yi ara”+ no, monntie wɔn nsɛm no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+ 17 Monntie wɔn. Babilon hene na monsom no, na moatena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kuro yi dane amamfõ?+ 18 Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ ampa na Yehowa asɛm wɔ wɔn anom a, ɛnneɛ momma wɔnsrɛ asafo Yehowa ɛ,+ na wɔammɛfa anwenneɛ a aka Yehowa fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babilon.’
19 “Adum+ ne po+ ne nsutwe nnaka+ ne anwenneɛ a aka kuro yi mu no,+ deɛ asafo Yehowa aka afa ho nie, 20 deɛ Babilon hene Nebukadnesar gyaeɛ berɛ a ɔbɛfaa Yehoiakim ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma nyinaa firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu+ no, 21 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka no anwenneɛ nkaeɛ a ɛwɔ Yehowa fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem nyinaa ho nie,+ 22 ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛka de akɔsi da a mɛdane m’ani aba soɔ,”+ Yehowa asɛm nie. “Na mɛkɔ akɔfa asan de aba ha.”’”+