Yeremia
26 Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie mfitiaseɛ no, asɛm yi firi Yehowa hɔ baa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Kɔgyina Yehowa fie adihɔ,+ na Yuda nkuro a wɔba Yehowa fie bɛkoto wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛ wɔn.+ Nyi asɛm baako mpo mfiri mu.+ 3 Ebia wɔbɛtie na wɔasan wɔn akyi ama obiara adane afiri ne kwammɔne so,+ na magyae mmusuo a mabɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mede bɛba wɔn soɔ no.+ 4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ moantie me annante me mmara+ a mede asi mo anim no mu,+ 5 na moantie me nkoa adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn, a mesɔre anɔpahema soma wɔn nanso montie wɔn no nsɛm+ a, 6 ɛnneɛ me nso, mɛyɛ fie yi sɛ deɛ na ɛwɔ Silo+ no, na mɛma kuro yi ayɛ nnome ama asase so aman nyinaa.’”’”+
7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fie+ hɔ. 8 Enti berɛ a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wieeɛ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa bɛkyee no kaa sɛ: “Owuo na wobɛwuo.+ 9 Adɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Efie yi bɛyɛ sɛ deɛ na ɛwɔ Silo+ no, na kuro yi bɛsɛe pasaa a obi rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Yehowa fie hɔ.
10 Akyire yi, Yuda mpanimfoɔ no tee nsɛm yi, na wɔfiri ahemfie baa Yehowa fie hɔ,+ na wɔbɛtenatenaa ase, Yehowa pono foforɔ no ano.+ 11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɔbarima yi fata owuo afobuo,+ ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo nso moate no mo asom yi.”+
12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ fie yi ne kuro yi ho nkɔm nka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.+ 13 Na afei monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie,+ na montie Yehowa mo Nyankopɔn, na Yehowa bɛgyae mmusuo a waka sɛ ɔde bɛba mo soɔ no.+ 14 Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam.+ Deɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ biara no, momfa nyɛ me.+ 15 Nanso monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mode bɛgu mo ne kuro yi ne emufoɔ soɔ,+ ɛfiri sɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”+
16 Ɛnna mpanimfoɔ+ no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Owuo afobuo mfata barima yi,+ ɛfiri sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”+
17 Bio nso, asase no so mpanimfoɔ no bi sɔreeɛ, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ dwa no nyinaa sɛ:+ 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wɔbɛdwiri Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.”’+ 19 Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kuu no anaa? Ɛnyɛ Yehowa na ɔsuroo no, na ɔdwodwoo Yehowa bo+ maa Yehowa nso gyaee mmusuo a ɔkaa sɛ ɛbɛba wɔn soɔ no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusuo kɛseɛ na yɛde bɛba yɛn kra soɔ.+
20 “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm Yehowa din mu, Semaia ba Uriya a ɔfiri Kiriat-Yearim.+ Na ɔhyɛɛ nkɔm tiaa kuro yi ne asase yi sɛdeɛ Yeremia nsɛm no nyinaa teɛ. 21 Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mpanimfoɔ no nyinaa tee ne nsɛm no, na ɔhene pɛɛ sɛ ɔku no.+ Berɛ a Uriya teeɛ no, ehu kaa no,+ na ɔdwane kɔɔ Egypt. 22 Nanso Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima kɔɔ Egypt—ɔmaa Akbor+ ba Elnatan ne mmarima foforɔ kɔɔ Egypt. 23 Na wɔkɔfaa Uriya firii Egypt de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde nkrantɛ kum no,+ na ɔtoo ne funu twenee ɔmanfoɔ asieeɛ.”
24 Safan+ ba Ahikam+ nsa na ɛdi boaa Yeremia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔremfa no nhyɛ ɔman no nsa mma wɔnku no.+