35 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ Ɔno na ɔsii Yehowa fie pono a ɛwɔ atifi fam+ no.
10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa asom, Yehowa fie hɔ wɔ Safan+ ba ɔtwerɛfoɔ+ Gemaria+ adidibea+ a ɛwɔ atifi fam no adihɔ hɔ, wɔ Yehowa fie pono foforɔ no ano.+