2 Ahemfo
15 Israel hene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu no, Yuda hene Amasia+ ba Asaria+ bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Yekolia, na ɔfiri Yerusalem. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no ara.+ 4 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Akyire yi, Yehowa de yareɛ bɔɔ ɔhene+ no, na ɔyaree kwata+ kɔsii ne wuda; ɔkɔtenaa ne fie, na wanyɛ adwuma bio;+ ɔhene no ba Yotam+ na ɔhwɛɛ fie no soɔ, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.+ 6 Asaria ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 7 Na Asaria ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.+
8 Yuda hene Asaria+ afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu no, Yeroboam ba Sakaria+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria abosome nsia. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ+ no. Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannane amfiri ho.+ 10 Na Yebes ba Salum bɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔbɔɔ no kuu+ no wɔ Yibleam,+ na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Sakaria ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 12 Saa na Yehowa ka+ kyerɛɛ Yehu sɛ:+ “Wobɛnya mma+ a wɔbɛtena Israel ahennwa soɔ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.” Na ɛbaa mu saa.+
13 Yebes ba Salum bɛdii hene wɔ Yuda hene Usia+ afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu, na ɔdii adeɛ bosome baako pɛpɛɛpɛ wɔ Samaria.+ 14 Na Gadi ba Menahem+ siim firii Tirsa+ kɔɔ Samaria, na ɔkɔbɔɔ Yebes ba Salum+ kuu no wɔ Samaria, na ɔbɛdii n’adeɛ. 15 Salum ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔeɛ+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma no mu. 16 Saa berɛ no, Menahem firi Tirsa kɔsɛee Tifsa ne deɛ ɛwom nyinaa ne ne nsase; wɔammue no nti, ɔsɛee no. Emu apemfoɔ nso, ɔpaepaee wɔn nyinaa mu.+
17 Yuda hene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron+ mu no, Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ du. 18 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannane amfiri emu biara ho,+ ne nna nyinaa mu. 19 Na Asiria+ hene Pul+ baa asase no so. Enti Menahem maa+ Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem+ sɛ ɔnsɔ ne mu mmoa no mma ahennie no nyɛ den ne nsam.+ 20 Israelfoɔ nkyɛn na Menahem gyegyee dwetɛ no, adefoɔ no nyinaa hɔ;+ ɔgyee obiara hɔ dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔde maa Asiria hene. Ɛno nti Asiria hene sanee n’akyi, na wantena asase no so hɔ. 21 Menahem+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 22 Na Menahem ne n’agyanom kɔdaeɛ, na ne ba Pekahia+ bɛdii n’adeɛ.
23 Yuda hene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu no, Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ mmienu.+ 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannane amfiri ho.+ 25 Na ne kunini+ Remalia ba Peka+ bɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔne Gileadfoɔ aduonum bɔɔ no kuu no wɔ Samaria ahemfie+ abantenten no mu, ɔne Argob ne Arie. Ɔkum no, na ɔbɛdii n’adeɛ. 26 Pekahia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.
27 Yuda hene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu no, Remalia ba+ Peka+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ aduonu. 28 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no, wannane amfiri ho.+ 29 Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+ 30 Na Ela ba Hosea+ bɔɔ Remalia ba Peka ho pɔ,+ na ɔbɔɔ no kuu no,+ na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam+ afe a ɛtɔ so aduonu mu. 31 Peka ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.
32 Remalia ba, Israel hene Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bɛdii hene. 33 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa.+ 34 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so.+ Sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no, saa na ɔno nso yɛeɛ.+ 35 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ Ɔno na ɔsii Yehowa fie pono a ɛwɔ atifi fam+ no. 36 Yotam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma no mu.+ 37 Nna no mu na Yehowa maa+ Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ kɔɔ Yuda soɔ. 38 Na Yotam ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro+ mu, na ne ba Ahas+ bɛdii n’adeɛ.