2 Ahemfo
14 Yehoahas ba, Israel hene Yehoas+ afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Yehoas ba Amasia+ bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii adeɛ no na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadin+ a ɔfiri Yerusalem. 3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ nanso wanto ne nana Dawid.+ Deɛ ne papa Yehoas yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ.+ 4 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfiri hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Berɛ a ahennie no yɛɛ den ne nsam ara pɛ na ɔkunkum+ ne nkoa a wɔkum ne papa, ɔhene no.+ 6 Awudifoɔ no mma deɛ, wanku wɔn, na ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ yi:+ “Monnkum agyanom deɛ wɔn mma ayɛ ho, na monnkum mma deɛ wɔn agyanom ayɛ ho; obiara bɔne na monhwɛ ho nku no.”+ 7 Ɔno na ɔkunkum Edomfoɔ+ wɔ Nkyene Bɔn+ no mu, mmarima mpem du, na ɔgyee Sela wɔ ɛko no mu, na wɔbɛfrɛɛ hɔ Yokteel de bɛsi nnɛ.
8 Saa berɛ no, Amasia tuu abɔfoɔ kɔɔ Yehu ba Yehoahas ba, Israel hene Yehoas nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”+ 9 Na Israel hene Yehoas nso soma kɔka kyerɛɛ Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon tweneduro+ sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima nware.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so kuu no.+ 10 Woaka Edom agu,+ enti w’akoma ama ne ho so.+ Fa w’animuonyam+ na hwɛ so tena wo fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wodi aperepereɛ+ berɛ a wonni ahoɔden,+ na wo ne Yuda nyinaa hwe aseɛ?” 11 Nanso Amasia antie.+
Enti Israel hene Yehoas kɔeɛ, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani+ wɔ Bet-Semes,+ Yuda asase so. 12 Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu. 13 Na Yuda hene Amasia, Yehoas ba, Ahasia ba no deɛ, Israel hene Yehoas kyee no wɔ Bet-Semes, na ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ ano kɔsi Ntwea Pono+ no ano, basafa ahanan. 14 Ɔsesaa sika ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa fie+ nyinaa ne ahemfie hɔ akoradeɛ, na ɔfaa ebinom nnommum kaa ho san kɔɔ Samaria.
15 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 16 Na Yehoas ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Samaria+ kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam*+ bɛdii n’adeɛ.
17 Israel hene Yehoas,+ Yehoahas ba no wuo akyi no, Yuda hene Amasia,+ Yehoas ba no, tenaa ase mfeɛ dunum kaa ho.+ 18 Amasia ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.+ 19 Akyire yi, wɔyɛɛ baako bɔɔ ne ho pɔ+ wɔ Yerusalem, enti ɔdwane kɔɔ Lakis;+ nanso wɔsoma tĩĩ no Lakis kɔkuu no wɔ hɔ.+ 20 Enti wɔde no too apɔnkɔ so bɛsiee+ no Yerusalem kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. 21 Afei Yuda man no nyinaa faa Asaria+ a saa berɛ no na wadi mfeɛ dunsia+ no, na wɔsii no hene maa no dii ne papa Amasia+ adeɛ. 22 Ɔno na ɔkyekyeree Elat+ na ɔsan de maa Yuda berɛ a ɔhene no ne n’agyanom kɔdaeɛ no.
23 Yehoas ba, Yuda hene Amasia afe a ɛtɔ so dunum mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bɛdii hene wɔ Samaria mfeɛ aduanan baako. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, wannane amfiri emu biara ho.+ 25 Ɔno na ɔsan gyee Israel ahyeɛ maa wɔn, ɛfiri Hamat+ kɔsi po a ɛwɔ Araba+ no ano, sɛdeɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Yona,+ Amitai ba, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer+ so kaeɛ no teɛ. 26 Na Yehowa hunuu amanehunu pii a Israel faa mu no.+ Ná mmɔborɔni ne onipahunu anaa ɔboafoɔ bi nni Israel.+ 27 Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrempepa Israel din mfiri ɔsoro ase.+ Enti ɔnam Yehoas ba Yeroboam nsa so gyee+ wɔn.
28 Yeroboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, sɛdeɛ ɔdii ako na ɔsan de Damasko+ ne Hamat+ maa Yuda wɔ Israel no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma no mu. 29 Na Yeroboam ne n’agyanom Israel ahemfo no kɔdaeɛ, na ne ba Sakaria+ bɛdii n’adeɛ.