2 Ahemfo
13 Ahasia+ ba, Yuda hene Yehoas+ afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu no, Yehu+ ba Yehoahas+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ dunson. 2 Na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne;+ Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no akyi na ɔdiiɛ.+ Wannane amfiri ho. 3 Yehowa bo fuu+ Israel pii, enti ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael+ ne Hasael ba Ben-Hadad+ nsa, wɔn nna nyinaa.
4 Akyire yi, Yehoahas hwehwɛɛ+ Yehowa, na Yehowa tiee+ no; ɔhunuu nhyɛsoɔ a ɛbaa Israel soɔ,+ nhyɛsoɔ a Siria hene de baa wɔn soɔ no.+ 5 Enti Yehowa maa Israel ɔgyefoɔ+ maa wɔfirii Siria nsam, na Israelfoɔ tenatenaa wɔn afie mu sɛ kane no.+ 6 (Nanso Yeroboam fie bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no deɛ, wɔantwe wɔn ho amfiri ho.+ Ɛno ara mu na wɔnanteeɛ;+ bosom dua+ no nso amfiri Samaria.) 7 Wannya Yehoahas asraafoɔ biara sɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum ne nteaseɛnam du ne mmarima mpem du a wɔnam fam,+ ɛfiri sɛ Siria hene kunkum wɔn,+ na ɔyɛɛ wɔn sɛ ayuporobea mfuturo.+
8 Yehoahas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 9 Na Yehoahas ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no Samaria,+ na ne ba Yehoas+ bɛdii n’adeɛ.
10 Yuda hene Yehoas afe a ɛtɔ so aduasa nson mu no, Yehoahas ba Yehoas+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ dunsia. 11 Na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ Wannane amfiri Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no mu biara ho.+ Ɛno ara mu na ɔnanteeɛ.
12 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ+ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 13 Na Yehoas ne n’agyanom kɔdaeɛ, na Yeroboam*+ bɛtenaa n’adwa so. Wɔsiee Yehoas wɔ Samaria kaa Israel ahemfo ho.+
14 Elisa+ yaree yareɛ a ɛde no bɛkɔ wuo mu.+ Enti Israel hene Yehoas siim kɔɔ ne nkyɛn kɔsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: “Me papa,+ me papa, Israel ɛko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!”+ 15 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa tadua ne agyan.” Enti ɔfaa tadua ne agyan kuraeɛ. 16 Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Fa wo nsa sɔ tadua no mu.” Na ɔde ne nsa sɔɔ mu, na Elisa nso de ne nsa guu ɔhene no nsa so.+ 17 Na ɔkaa sɛ: “Bue apueeɛ mpomma no.” Na ɔbueeɛ. Ɛnna Elisa kaa sɛ: “To!” Na ɔtoeɛ. Afei ɔkaa sɛ: “Yehowa nkonimdie agyan nie; Siria so nkonimdie agyan+ nie! Wobɛbɔ Siria wɔ Afek+ akɔsi sɛ wobɛwie wɔn koraa.”
18 Na ɔkaa sɛ: “Sesa agyan no.” Ɛnna ɔsesaeɛ. Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Fa bobɔ fam.” Na ɔde bɔɔ hɔ mprɛnsa na ɔgyaeeɛ.+ 19 Na nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no bo fuu no, na ɔkaa sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ wode bɔ hɔ mprɛ nnum anaa nsia! Ɛno deɛ, anka wobɛbɔ Siria awie wɔn koraa, nanso seesei deɛ, mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria.”+
20 Ɛno akyi no, Elisa wuiɛ na wɔsiee no.+ Ná Moab+ afomfoɔ+ ba asase no so afe biara mfitiaseɛ. 21 Berɛ bi na wɔrekɔsie ɔbarima bi, wɔnkɔhwɛ a, afomfoɔ no na wɔreba yi. Ntɛm ara na wɔtoo ɔbarima no too baabi a wɔsiee Elisa no, na wɔdwanee. Berɛ a ɔbarima no amu kaa Elisa nnompe no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkwa mu,+ na ɔsɔre gyinaa ne nan so.+
22 Na Siria hene Hasael+ hyɛɛ Israel so+ Yehoahas nna nyinaa mu. 23 Nanso apam+ a Yehowa ne Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ yɛeɛ no nti, ɔdom wɔn+ huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn;+ wanto wɔn amfiri n’anim antwene bɛsi nnɛ. 24 Na Siria hene Hasael wuiɛ, na ne ba Ben-Hadad bɛdii n’adeɛ. 25 Na Yehoahas ba Yehoas san gyee nkuro a wɔgye firii ne papa Yehoahas nsam ɛko mu no firii Hasael ba Ben-Hadad nkyɛn. Yehoas dii ne so nkonim mprɛnsa, na ɔgyee Israel nkuro no bio.+