Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
13 Yuda hene Ahasia+ ba Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so 23 mu no, Yehu+ ba Yehoahas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 17. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne; Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔyɛeɛ. Wantwe ne ho amfiri ho. 3 Enti Yehowa bo fuu+ Israel paa,+ na wɔn nna nyinaa no, ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael+ ne Hasael ba Ben-Hadad+ nsa.
4 Akyire yi, Yehoahas su frɛɛ Yehowa,* na Yehowa tiee no; ɔhunuu sɛdeɛ Siria hene hyɛɛ Israel so.+ 5 Enti Yehowa maa ɔgyefoɔ bi bɛgyee Israelfoɔ+ firii Siriafoɔ nsam, na Israelfoɔ tenatenaa wɔn afie mu sɛ kane no.* 6 (Nanso bɔne a Yeroboam fiefoɔ yɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no+ deɛ, wɔantwe wɔn ho amfiri ho. Saa bɔne no ara bi na wɔyɛeɛ;* wɔanyi abosonnua*+ no nso amfiri Samaria.) 7 Deɛ na Yehoahas wɔ ara ne nnipa 50 a wɔtete apɔnkɔ so, nteaseɛnam 10, ne mmarima 10,000 a wɔnam fam, ɛfiri sɛ na Siria hene ayɛ wɔn pasaa;+ ná wayɛ wɔn sɛ ayuporobea mfuturo.+
8 Yehoahas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 9 Yehoahas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria,+ na ne ba Yehoas bɛdii n’adeɛ.
10 Yuda hene Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so 37 mu no, Yehoahas ba Yehoas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 16. 11 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri emu biara ho. Saa bɔne no ara bi na ɔyɛeɛ.*
12 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ+ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 13 Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na Yeroboam*+ bɛtenaa n’adwa so, na wɔsiee Yehoas wɔ Samaria kaa Israel ahemfo ho.+
14 Berɛ a Elisa+ yare a ɔregye nna awuo no, Israel hene Yehoas kɔɔ ne nkyɛn kɔsu guu ne so, na ɔkaa sɛ: “Me papa, me papa! Hwɛ, Israel ɛko teaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so!”+ 15 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa agyan ne mmɛmma bra.” Enti ɔfaa agyan ne mmɛmma kuraeɛ. 16 Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Ma agyan no so.” Ɛnna ɔmaa so, na Elisa nso sɔɔ ɔhene no nsa. 17 Afei ɔkaa sɛ: “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Ɛnna Elisa kaa sɛ: “To agyan no!” Na ɔtoeɛ. Afei ɔkaa sɛ: “Yehowa nkonimdie* agyan nie; Siria so nkonimdie agyan nie! Wobɛdi Siria so nkonim* wɔ Afek+ akɔsi sɛ wobɛwie wɔn koraa.”
18 Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Sesa mmɛmma no.” Ɛnna ɔsesaeɛ. Afei ɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Fa bobɔ fam.” Ɛnna ɔde bɔɔ hɔ mprɛnsa na ɔgyaeeɛ. 19 Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no bo fuu no, na ɔkaa sɛ: “Anka ɛsɛ sɛ wode bɔ hɔ mprɛ nnum anaa nsia! Ɛno deɛ, anka wobɛdi Siria so nkonim awie wɔn koraa, nanso seesei wobɛdi Siria so nkonim mprɛnsa pɛ.”+
20 Ɛno akyi no, Elisa wui na wɔsiee no. Afe no mfitiaseɛ no,* na Moabfoɔ asraafoɔdɔm+ taa bɛto hyɛ asaase no so. 21 Berɛ bi, na nkurɔfoɔ rɛkɔsie ɔbarima bi, ɛnna wɔhuu sɛ dɔm no bi reba. Ɛhɔ ara na wɔtoo ɔbarima no too baabi a wɔsiee Elisa no, na wɔdwaneeɛ. Berɛ a ɔbarima no funu kaa Elisa nnompe no, ɔnyaneeɛ+ na ɔsɔre gyinaa ne nan so.
22 Yehoahas nna nyinaa mu no, Siria hene Hasael+ hyɛɛ Israel so.+ 23 Nanso apam a Yehowa ne Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ yɛeɛ nti, ɔdom wɔn huu wɔn mmɔbɔ,+ na ɔtwaa n’ani bɛhwɛɛ wɔn. Ná ɔmpɛ sɛ ɔsɛe wɔn; wanto wɔn antwene bɛsi nnɛ. 24 Berɛ a Siria hene Hasael wuiɛ no, ne ba Ben-Hadad bɛdii n’adeɛ. 25 Nkuro a Hasael gye firii Yehoahas nkyɛn wɔ ɛko mu no, Yehoahas ba Yehoas san gye firii Ben-Hadad nsam. Yehoas dii ne so nkonim* mprɛnsa,+ na ɔsan gyee Israel nkuro no.