Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
14 Israel hene Yehoahas ba Yehoas+ ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Yehoas ba Amasia bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadin, na na ɔfiri Yerusalem.+ 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nanso wanto ne nana Dawid.+ Deɛ ne papa Yehoas yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ.+ 4 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Berɛ a ahennie no yɛɛ den wɔ ne nsam ara pɛ na ɔkunkum ne nkoa a wɔkum ne papa a na ɔdi hene no.+ 6 Awudifoɔ no mma deɛ, wanku wɔn, na ɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no. Ná Yehowa aka wom sɛ: “Monnkum agyanom ɛsiane wɔn mma bɔne nti, na monnkum mma ɛsiane wɔn agyanom bɔne nti; deɛ wayɛ bɔne no na ɛsɛ sɛ wɔku no.”+ 7 Ɔkunkum Edomfoɔ+ mmarima 10,000 wɔ Nkyene Bɔn+ no mu. Saa berɛ no ara nso na ɔko faa Sela,+ na wɔtoo hɔ din Yokteel, na saa na wɔafrɛ hɔ de bɛsi nnɛ.
8 Ɛnna Amasia tuu abɔfoɔ kɔɔ Israel hene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”*+ 9 Israel hene Yehoas nso de nkra kɔmaa Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nkasɛɛ-nkasɛɛ soma kɔka kyerɛɛ Lebanon sida dua sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awareɛ.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nkasɛɛ-nkasɛɛ no so sɛee no pasaa. 10 Woaka Edom agu,+ enti w’akoma ama ne ho so. Woanya animuonyam a fa na hwɛ so tena wo fie.* Adɛn nti na worebɛpɛ wo ho asɛm ahwe ase ama Yuda nso ahwe ase bi?” 11 Nanso Amasia antie.+
Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani wɔ Bet-Semes+ wɔ Yuda asaase so.+ 12 Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim maa obiara dwane kɔɔ ne fie.* 13 Israel hene Yehoas kyee Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoas ba a ɔno nso yɛ Ahasia ba no wɔ Bet-Semes. Ɛnna ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no basafa 400* guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ no ano kɔsi Ntwea So Pono+ no ano. 14 Ɔsesaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa fie nyinaa ne deɛ ɛwɔ ɔhene fie* akoraeɛ hɔ. Afei ɔfaa ebinom yɛɛ wɔn nkoa, na ɔsan kɔɔ Samaria.
15 Yehoas ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ ne sɛdeɛ ɔne Yuda hene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 16 Yehoas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria+ kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam*+ bɛdii n’adeɛ.
17 Israel hene Yehoahas+ ba Yehoas+ wuo akyi no, Yuda hene Yehoas ba Amasia+ tenaa ase mfeɛ 15 kaa ho. 18 Amasia ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 19 Akyire yi, nkurɔfoɔ bɔɔ ne ho pɔ+ wɔ Yerusalem, enti ɔdwane kɔɔ Lakis, nanso wɔmaa mmarima kɔtii no wɔ Lakis kɔkum no wɔ hɔ. 20 Enti wɔde no too apɔnkɔ so bɛsiee no wɔ Yerusalem kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu.+ 21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria*+ a wadi mfeɛ 16+ no, na wɔsii no hene maa no dii ne papa Amasia adeɛ.+ 22 Ɔno na ɔsan kyekyeree Elat+ maa no bɛdii Yuda nsam bio, berɛ a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdaeɛ no.+
23 Yuda hene Yehoas ba Amasia ahennie afe a ɛtɔ so 15 mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bɛdii hene wɔ Samaria mfeɛ 41. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ nyinaa,+ wantwe ne ho amfiri ho. 25 Ɔhwɛ maa Israel ahyeɛ dedaa baabi a kane no na ɛwɔ, ɛfiri Lebo-Hamat*+ kɔsi ɛpo a ɛwɔ Araba+ no ano.* Ɛno maa asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn nam n’akoa odiyifoɔ Yona+ so kaeɛ no baa mu. Ná Yona yɛ Amitai ba, na na ɔfiri Gat-Hefer.+ 26 Amanehunu pii a Israel faa mu no,+ Yehowa hunuiɛ. Israelfoɔ annya obiara a ɔbɛboa wɔn, onipahunu anaa deɛ wɔmfa no nyɛ hwee mpo wɔannya. 27 Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrempepa Israel din mfiri ɔsoro ase.+ Enti ɔnam Yehoas ba Yeroboam nsa so gyee wɔn.+
28 Yeroboam ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nnwuma akɛseɛ, sɛdeɛ ɔdii ako na ɔsan de Damasko+ ne Hamat+ maa Yuda wɔ Israel no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 29 Yeroboam ne n’agyanom Israel ahemfo no kɔdae, na ne ba Sakaria+ bɛdii n’adeɛ.