Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
15 Israel hene Yeroboam* ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Yuda hene Amasia+ ba Asaria*+ bɛdii hene.+ 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 16, na ɔdii adeɛ mfeɛ 52 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yekolia, na na ɔfiri Yerusalem. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Amasia yɛeɛ no.+ 4 Mmom sorɔnsorɔmmea* no deɛ, ɛkaa hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Yehowa maa ɔhene no yaree kwata+ kɔsii sɛ ɔwuiɛ, na ɔtee ne ho kɔtenaa fie bi mu.+ Ne ba Yotam+ na ɔhwɛɛ ahemfie* no so, na ɔno na ɔbuu ɔman no mu nnipa atɛn.+ 6 Asaria ho nsɛm a aka+ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 7 Asaria ne n’agyanom kɔdae,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.
8 Yuda hene Asaria+ ahennie afe a ɛtɔ so 38 mu no, Yeroboam ba Sakaria+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria abosome nsia. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 10 Ɛnna Yebes ba Salum bɔɔ ne ho pɔ, na ɔkum no+ wɔ Yibleam,+ na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Sakaria ho nsɛm a aka no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 12 Ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Yehu no baa mu. Ɔkaa sɛ: “W’asefoɔ bɛtena Israel ahennwa so+ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.”+ Na saa ara na ɛbaeɛ.
13 Yuda hene Usia+ ahennie afe a ɛtɔ so 39 mu no, Yebes ba Salum bɛdii hene wɔ Samaria, na ɔdii adeɛ bosome baako. 14 Ɛnna Gadi ba Menahem firi Tirsa+ kɔɔ Samaria, na ɔkɔkum Yebes ba Salum+ wɔ Samaria, na ɔbɛdii n’adeɛ. 15 Salum ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔe no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 16 Saa berɛ no na Menahem firi Tirsa kɔsɛee Tifsa ne deɛ ɛwom nyinaa ne ɛhɔ nsaase, ɛfiri sɛ wɔammue wɔn pono amma no. Emu apemfoɔ nso, ɔpaapaee wɔn nyinaa mu.
17 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 39 mu no, Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ du. 18 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Ne nna nyinaa mu no, bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ nyinaa,+ wantwe ne ho amfiri ho. 19 Asiria hene Pul+ baa asaase no so. Enti Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ* 1,000 sɛ ɔmmoa no mma n’ahennie no ntim.+ 20 Israelfoɔ nkyɛn na Menahem nyaa dwetɛ no; ɔgyegye firii atitire a wɔyɛ adefoɔ+ no hɔ. Ɔgyee obiara hɔ dwetɛ nnwetɛbena* 50 de maa Asiria hene. Ɛnna Asiria hene firii asaase no so kɔeɛ. 21 Menahem+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 22 Menahem ne n’agyanom kɔdae, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ.
23 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 50 mu no, Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ mmienu. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 25 Na ne boafoɔ Remalia ba Peka+ bɔɔ ne ho pɔ, na ɔne Argob ne Arie kum no wɔ ɔhene fie* abantenten no mu wɔ Samaria. Ná Gileadfoɔ mmarima 50 ka ne ho, na berɛ a ɔkum no no, ɔbɛdii n’adeɛ. 26 Pekahia ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.
27 Yuda hene Asaria ahennie afe a ɛtɔ so 52 mu no, Remalia ba Peka+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ 20. 28 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ wantwe ne ho amfiri ho. 29 Israel hene Peka berɛ so no, Asiria hene Tiglat-Pilesa+ bɛko faa Eyon, Abel-Bet-Maaka,+ Yanoa, Kedes,+ Hasor, Gilead,+ ne Galilea, kyerɛ sɛ, Naftali+ asaase nyinaa, na ɔsoaa emu nnipa kɔɔ Asiria.+ 30 Ɛnna Ela ba Hosea+ bɔɔ Remalia ba Peka ho pɔ, na ɔkum no, na ɔbɛdii n’adeɛ wɔ Usia ba Yotam+ ahennie afe a ɛtɔ so 20 mu. 31 Peka ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.
32 Israel hene Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Yuda hene Usia+ ba Yotam+ bɛdii hene. 33 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii hene mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa, na na ɔyɛ Sadok babaa.+ 34 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no.+ 35 Mmom sorɔnsorɔmmea no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ hɔ. Ɔno na ɔsii atifi pono a ɛwɔ Yehowa fie no.+ 36 Yotam ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 37 Saa berɛ no, Yehowa maa Siria hene Resin ne Remalia ba Peka+ kɔɔ Yuda so.+ 38 Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.