Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
16 Remalia ba Peka ahennie afe a ɛtɔ so 17 mu no, Yuda hene Yotam ba Ahas+ bɛdii hene. 2 Ahas bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 20, na ɔdii adeɛ mfeɛ 16 wɔ Yerusalem. Wanyɛ deɛ ɛtene wɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani so sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 3 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ.+ Afei nso, ɔhyee ɔno ara ne ba mpo wɔ gya mu;*+ enti akyiwadeɛ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔyɛeɛ. 4 Ɔsan bobɔɔ afɔreɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea,*+ nkokoɔ so, ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+
5 Saa berɛ no mu na Siria hene Resin ne Remalia ba Peka a ɔyɛ Israel hene no baa sɛ wɔne Yerusalem rebɛko,+ na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi amfa kuro no. 6 Saa berɛ no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfoɔ, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat maa Edomfoɔ no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ. 7 Enti Ahas tuu abɔfoɔ kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa ne wo ba, enti bra bɛgye me firi Siria hene ne Israel hene nsam, ɛfiri sɛ wɔne me reko.” 8 Ɛnna Ahas sesaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fie ne ahemfie* akoraeɛ no, na ɔde kɔtuaa adanmudeɛ* maa Asiria hene.+ 9 Na Asiria hene tiee no, na ɔkɔɔ Damasko kɔko fae; ɔkyee emu nnipa kɔɔ Kir,+ na ɔkum Resin.+
10 Ɛnna Ɔhene Ahas kɔhyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa wɔ Damasko. Berɛ a Ɔhene Ahas huu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, ɔsoma maa wɔde afɔrebukyia no nsususoɔ kɔmaa ɔsɔfoɔ Uriya de kyerɛɛ no kwan a wɔfaa so yɛɛ afɔrebukyia no.+ 11 Afɔrebukyia no ho akwankyerɛ a Ɔhene Ahas de ho nkra firi Damasko brɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya+ no, ɔdii akyire pɛpɛɛpɛ sii afɔrebukyia.+ Ɔsɔfoɔ Uriya wiee ansa na Ɔhene Ahas refiri Damasko aba. 12 Berɛ a ɔhene no firi Damasko baeɛ a ɔhuu afɔrebukyia no, ɔkɔɔ afɔrebukyia no anim kɔbɔɔ afɔreɛ wɔ so.+ 13 Na ɔtoaa so bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne aduane afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so; ɔhwiee afɔrebɔ nsa guu so, na ɔpetee asomdwoeɛ afɔreɛ mogya nso wɔ so. 14 Afei kɔbere afɔrebukyia+ a ɛsi Yehowa anim wɔ fie no anim no, ɔyi firii n’afɔrebukyia no ne Yehowa fie no ntam, na ɔde bɛsii n’afɔrebukyia no nkyɛn wɔ atifi fam. 15 Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya+ sɛ: “Anɔpa ɔhyeɛ afɔreɛ, anwummerɛ aduane afɔreɛ,+ ɔhene ɔhyeɛ afɔreɛ, ɔhene aduane afɔreɛ, ne ɔman no nyinaa ɔhyeɛ afɔreɛ, wɔn aduane afɔreɛ, ne wɔn nsã afɔreɛ no, bɔ ne nyinaa wɔ afɔrebukyia kɛseɛ no so.+ Ɔhyeɛ afɔreɛ ho mogya ne afɔreɛ a aka no ho mogya nyinaa nso, fa pete so. Kɔbere afɔrebukyia no deɛ, mɛhwɛ deɛ mede bɛyɛ.” 16 Na ɔsɔfoɔ Uriya yɛɛ deɛ Ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no no nyinaa.+
17 Bio nso, trɔk a wɔde twe nsuo no ho nhyehyɛmu ntraantraa no, Ɔhene Ahas twitwaa mu+ asinasini, na ɔyiyii asɛn no firii so.+ Ɛpo a ɛsi kɔbere anantwie so no, ɔyi firii wɔn so,+ na ɔde sii fam wɔ aboɔ nsɛeɛ so.+ 18 Deɛ wɔde akuru Homeda abrannaa no so no, ɔyi firii hɔ, na ɛkwan a ɛfiri ahemfie kɔ Yehowa fie hɔ nso, ɔsii no. Ne nyinaa Asiria hene nti na ɔyɛɛ saa.
19 Ahas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.+ 20 Ahas ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Hesekia*+ bɛdii n’adeɛ.