2 Ahemfo
16 Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yuda hene Yotam ba Ahas+ bɛdii hene. 2 Ahas bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem, nanso wanyɛ deɛ ɛtene Yehowa, ne Nyankopɔn ani so sɛ ne nana Dawid.+ 3 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ;+ ɔmaa ɔno ara ne ba faa gya mu+ nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no bi. 4 Ɔkɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ ne nkokoɔ+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.
5 Saa berɛ no mu na Siria hene Resin+ ne Remalia ba Peka+ a ɔyɛ Israel hene no baa Yerusalem so sɛ wɔne wɔn rebɛko, na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi wɔn.+ 6 Berɛ no ara mu na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edom, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat maa Edomfoɔ no kɔɔ hɔ kɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ. 7 Enti Ahas tuu abɔfoɔ kɔɔ Asiria hene Tiglat-Pilesa+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meyɛ w’akoa+ ne wo ba, enti bra bɛgye+ me firi Siria hene nsam ne Israel hene nsam na wɔasɔre aba me so.” 8 Ahas sesaa dwetɛ ne sika a ɛwɔ Yehowa fie ne ahemfie akoradeɛ+ mu no, na ɔsoma maa wɔde adanmudeɛ+ kɔmaa Asiria hene. 9 Ɛnna Asiria hene tiee no, na Asiria hene kɔɔ Damasko+ kɔgyeeɛ;+ ɔde emu nnipa kɔɔ nkoasom mu wɔ Kir,+ na ɔkum Resin.+
10 Na Ɔhene Ahas+ siim kɔhyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa+ wɔ Damasko, na ɔkɔhunuu afɔrebukyia+ a ɛwɔ Damasko no. Enti Ɔhene Ahas soma maa wɔde afɔrebukyia no nsususoɔ ne ne yɛbea nyinaa kɔmaa ɔsɔfoɔ Uriya.+ 11 Na ɔsɔfoɔ Uriya+ sii afɔrebukyia+ no. Sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko bɛka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya no, saa ara na ɔyɛɛ no de twɛnee sɛ Ɔhene Ahas bɛfiri Damasko aba. 12 Berɛ a ɔhene firi Damasko baeɛ no, ɔhene bɛhunuu afɔrebukyia no, na ɔhene twe bɛnee afɔrebukyia+ no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ so.+ 13 Na ɔtoaa so bɔɔ+ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne n’aduane afɔdeɛ+ wɔ afɔrebukyia no so; ɔhwiee afɔrebɔ nsa+ guu so na ɔpetee n’asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya nso wɔ so. 14 Kɔbere afɔrebukyia+ a ɛsi Yehowa anim no, ɔyi firii fie no anim, n’afɔrebukyia no ne Yehowa fie+ no ntam, na ɔde bɛsii n’afɔrebukyia no nkyɛn wɔ atifi fam. 15 Na Ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfoɔ Uriya+ sɛ: “Afɔrebukyia kɛseɛ no so na bɔ anɔpa hyeɛ afɔdeɛ+ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ+ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ+ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase no so nnipa nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ, na hwie wɔn afɔrebɔ nsã gu so; ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya ne afɔrebɔ mogya no nyinaa nso, pete no so. Kɔbere afɔrebukyia no deɛ, mɛhwɛ deɛ mede bɛyɛ.” 16 Na ɔsɔfoɔ Uriya+ yɛɛ deɛ Ɔhene Ahas hyɛeɛ no nyinaa.+
17 Bio nso, Ɔhene Ahas twitwaa+ nnaka a wɔde twe nsuo+ no ho nhyehyɛmu ntraantraa+ no mu asinasini, na ɔyiyii asɛn+ no firii so; ɔyii po+ no firii kɔbere anantwie+ a ɛtaa wɔn akyi no so, na ɔde sii aboɔ nsɛeɛ bi so. 18 Homeda abrannaa a wɔakuru soɔ a wɔasi no fie hɔ ne ɔhene abɔnten kwan ano no nso, ɔyi firii Yehowa fie hɔ, Asiria hene nti.
19 Ahas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 20 Na Ahas ne n’agyanom kɔdaeɛ, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu, na ne ba Hesekia+ bɛdii n’adeɛ.