Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 20:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔde ne ba bɛma Molek+ no, wɔnku no. Asase no sofoɔ nsi no aboɔ nku no.

  • Deuteronomium 18:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa gya mu,+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm+ anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔhwehwɛ hyɛberɛ ho sɛnkyerɛnne+ anaa ɔdi asumansɛm,+

  • 2 Ahemfo 23:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Na Tofet+ a ɛwɔ Hinom mma bɔn+ mu no, ɔguu ho fĩ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remma ne babarima anaa ne babaa mfa gya mu+ mma Molek.+

  • 2 Berɛsosɛm 28:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɔhyee afɔrebɔdeɛ+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔhyee ne mma+ wɔ gya mu nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no bi.+

  • 2 Berɛsosɛm 33:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa gya mu+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔdii nkonyaayie+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.+

  • Dwom 106:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa+

      Bobɔɔ afɔdeɛ maa adaemone.+

  • Yesaia 57:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛseɛ ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wɔkum mmɔfra wɔ abɔn mu, abotan mu ntokuro mu anaa?+

  • Yeremia 7:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, de hye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa egya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam da.’+

  • Hesekiel 16:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni.+ Adɛn, w’adwamammɔ yi nnɔɔso?

  • Hesekiel 23:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Wɔasɛe awareɛ,+ na mogya wɔ wɔn nsam;+ wɔde wɔn abosom fĩ na asɛe awareɛ.+ Afei nso, wɔde wɔn mma a wɔawo wɔn ama me no afa gya mu ama wɔn sɛ aduane.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane