Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 12:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Nyɛ biribi a ɛte saa Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyire na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔdeɛ wɔ gya mu daa ma wɔn anyame.+

  • 2 Ahemfo 17:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 wɔmaa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa faa gya mu+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa,+ na wɔtɔn+ wɔn ho yɛɛ Yehowa ani so bɔne de hyɛɛ no abufuo.+

  • Dwom 106:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa+

      Bobɔɔ afɔdeɛ maa adaemone.+

  • Dwom 106:38
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 Enti wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+

      Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya

      Bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaanfoɔ ahoni,+

      Na mogyahwieguo maa asase no ho guu fĩ.+

  • Yesaia 57:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛseɛ ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wɔkum mmɔfra wɔ abɔn mu, abotan mu ntokuro mu anaa?+

  • Hesekiel 16:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 “‘Wofaa wo mma mmarima ne wo mma mmaa a wowoo wɔn maa me+ no de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔnni.+ Adɛn, w’adwamammɔ yi nnɔɔso?

  • Hesekiel 20:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Na berɛ a mode mo ayɛyɛdeɛ ba na moma mo mma fa gya mu+ no, ɛnyɛ mo abosom fĩ yi nyinaa na mode agu mo ho fĩ bɛsi nnɛ yi?+ Berɛ korɔ no ara mopɛ sɛ mema mobisa m’ase, Israel fie?”’+

      “‘Sɛ mete aseɛ yi, meremma mommisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane