3 Israel ahemfo akwan so na ɔfaeɛ;+ ɔmaa ɔno ara ne ba faa gya mu+ nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim yɛeɛ no bi.
6 Ɔno na ɔmaa ne mma faa gya mu+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔdii nkonyaayie+ akyi; ɔkɔɔ abisa+ yɛɛ asumansɛm,+ na ɔne akɔmfoɔ+ ne ntafowayifoɔ+ goroeɛ. Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa de hyɛɛ no abufuo.+
35 Afei nso wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na wɔama wɔn mma afa egya+ mu ama Molek,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa m’akomam da sɛ mɛma wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa,+ na wɔmaa Yuda yɛɛ bɔne.’+
26 Na memaa wɔn ayɛyɛdeɛ guu wɔn ho fĩ berɛ a wɔde abɔfra biara a ɔbue yafunu ano faa gya mu no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahunu sɛ mene Yehowa.”’+