Yeremia
32 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene+ Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛyɛ Nebukadresar+ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu. 2 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔdɔm abɛtwa Yerusalem ho ahyia.+ Odiyifoɔ Yeremia deɛ, na wɔakye no atom wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu wɔ Yuda hene fie; 3 ná Yuda hene Sedekia akye no atom+ sɛ:
“Adɛn nti na wohyɛ nkɔm+ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛfa,+ 4 na Yuda hene Sedekia nso, ɔrennwane mfiri Kaldeafoɔ no nsam, ɛfiri sɛ hyɛ deɛ, wɔde no bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔne no bɛkasa ano ne ano, na ɔde n’ani bɛhunu n’anim,”’+ 5 ‘na ɔde Sedekia bɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛdane m’ani abɛhwɛ no,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mo ne Kaldeafoɔ bɛko deɛ, nanso morenni nkonim’?”+
6 Na Yeremia kaa sɛ: “Yehowa asɛm aba me nkyɛn sɛ, 7 ‘Hwɛ, wo papa nua Salum ba Hanamel reba abɛka akyerɛ wo sɛ: “Tɔ m’asase a ɛwɔ Anatot+ no ɛfiri sɛ wo na wowɔ hokwan sɛ wogyeɛ.”’”+
8 Ɛnna me papa nua ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mesrɛ wo, tɔ m’asase a ɛwɔ Anatot,+ Benyamin+ asase soɔ no ɛfiri sɛ wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Enti tɔ.” Ɛhɔ na mehunuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.+
9 Enti metɔɔ asase a ɛwɔ Anatot+ no firii me papa nua ba Hanamel+ nsam. Na mekarii sika+ no maa no, nnwetɛbena nson ne dwetɛ du. 10 Afei meyɛɛ ɛho adanseɛ krataa,+ na mesɔɔ ano,+ na mefrɛɛ adansefoɔ+ berɛ a merekari+ sika no nsania soɔ no. 11 Ɛnna mefaa adanseɛ nkrataa no, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ ano da hɔ no, sɛdeɛ mmara ne ahyɛdeɛ no kyerɛ+ no. 12 Na mede adanseɛ krataa no maa Maseia ba Neria+ ba Baruk+ wɔ me papa nua ba Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adanseɛ krataa+ no ase no nyinaa anim ne Yudafoɔ a wɔwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ no anim.
13 Afei mehyɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: 14 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Gye adanseɛ nkrataa yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ ano da hɔ yi,+ na fa kɔhyɛ kukuo mu, na akyɛ nna pii.’ 15 Ɛfiri sɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka sɛ, ‘Nkurɔfoɔ bɛtotɔ afie ne nsase ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’”+
16 Na berɛ a mede adanseɛ krataa no maa Neria+ ba Baruk+ no, mebɔɔ Yehowa mpaeɛ+ sɛ: 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa!+ Hwɛ, wo na wode wo tumi+ ne wo basa a woatene mu+ yɛɛ ɔsoro ne asase. Wo deɛ, asɛm no nyinaa mmoro w’ahoɔden so,+ 18 wo a woyɛ mpempem adɔeɛ,+ na wotua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi kokom;+ wone nokorɛ Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+ 19 Wo na wosõ, afotuo+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ so aba teɛ.+ 20 Wo na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ Egypt asase so ne Israel ne nnipa nyinaa mu+ de abɛsi nnɛ da yi, na wode agye din ama wo ho sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+ 21 Na wode nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a woatene mu ne ahudeɛ+ akɛseɛ na ɛyii wo man Israel firii Egypt+ asase soɔ.
22 “Akyire yi, wode asase a wokaa wɔn agyanom ntam sɛ wode bɛma wɔn no maa wɔn,+ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ yi. 23 Ɛnna wɔba bɛtenaa soɔ,+ nanso wɔantie wo, na wɔannante wo mmara mu nso.+ Nneɛma a wohyɛɛ sɛ wɔnyɛ nyinaa wɔanyɛ;+ ɛno nti na woama mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ no.+ 24 Hwɛ! Mmarima bɛba abɛto kuro no ho pampa+ sɛ wɔrebɛko afa.+ Wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no redi ako+ no nsa, nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ no nti. Deɛ wokaeɛ no aba mu ama w’ani ahunu.+ 25 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa, wose, ‘Fa sika kɔtɔ asase+ na fa ho adansefoɔ,’+ berɛ a wonim sɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa.”+
26 Ɛnna Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 27 “Me Yehowa, mene honam nyinaa Nyankopɔn no.+ Biribi wɔ hɔ a ɛboro m’ahoɔden so anaa?+ 28 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ ne Babilon hene Nebukadresar nsa, na ɔbɛfa.+ 29 Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi redi ako no bɛba de egya abɛto kuro yi mu, na wɔahye+ ɛne afie a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ n’atifi ma Baal na wɔhwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo no.’+
30 “‘Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ deɛ, bɔne nko ara na wɔfiri wɔn mmeranteberɛ mu ayɛ no m’anim;+ abufuo nko na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me,’+ Yehowa asɛm nie. 31 ‘Saa kuro yi, ɛfiri da a wɔkyekyereeɛ de bɛsi nnɛ, abufuo nko na ahyɛ me ama m’abufuhyeɛ adɛreɛ,+ na mɛyi afiri m’anim,+ 32 bɔne a Israelfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ayɛ de ahyɛ me abufuo+ nyinaa nti; wɔne wɔn ahemfo+ ne wɔn mpanimfoɔ+ ne wɔn asɔfoɔ+ ne wɔn adiyifoɔ+ ne Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem na ayɛ. 33 Wɔn akyi na wɔdane maa me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Mekyerɛkyerɛɛ wɔn; mesɔree anɔpahema kyerɛkyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antie ntenesoɔ.+ 34 Wɔde wɔn akyiwadeɛ no akɔsisi efie a me din da soɔ no mu de agu ho fĩ.+ 35 Afei nso wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na wɔama wɔn mma afa egya+ mu ama Molek,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa m’akomam da sɛ mɛma wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa,+ na wɔmaa Yuda yɛɛ bɔne.’+
36 “Enti afei, deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka no kuro a moka sɛ wɔnam nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ so de bɛhyɛ Babilon hene nsa no ho nie,+ 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne m’anibereɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+ 38 Na wɔbɛyɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 39 Mɛma wɔn akoma koro,+ na mɛma wɔahunu kwan koro na ama wɔasuro me daa ama no asi wɔne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no yie.+ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam,+ na merennane mfiri wɔn akyi, na mɛyɛ wɔn yie;+ mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu na wɔannane amfiri m’akyi.+ 41 M’ani bɛgye wɔn ho na mayɛ wɔn yie.+ Mede m’akoma nyinaa ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so,+ nokorɛdie mu.’”
42 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛdeɛ mede mmusuo kɛseɛ yi nyinaa reba ɔman yi soɔ no, saa ara na mede adepa a maka no wɔn ho no nyinaa bɛbrɛ wɔn.+ 43 Na ɔman+ yi a mobɛka ho asɛm sɛ: “Adane amamfõ+ na onipa ne aboa bi nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa”+ no, wɔbɛtotɔ nsase wɔ so.’
44 “‘Nnipa de sika bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyeyɛ ho adanseɛ nkrataa+ na wɔasosɔ ano afa ho adansefoɔ+ wɔ Benyamin+ asase so ne Yerusalem+ ho nkuro mu ne Yuda+ nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu ne nkuro a ɛdeda fam+ mu ne anafoɔ nkuro mu,+ ɛfiri sɛ mɛsan de wɔn atukɔfoɔ no aba,’+ Yehowa asɛm nie.”