15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim+ soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so+ ahennie+ nyinaa so. Wo na woyɛɛ ɔsoro+ ne asase.+
26 “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?+ Ɔno na ɔbu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+ Na n’ahoɔden+ dodoɔ ne ne tumi mmorosoɔ nti, wɔn mu baako mpo nyera.
11 “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam+ ne anidie+ ne tumi,+ ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ+ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔeɛ.”+