Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 6:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham,+ Isak,+ ne Yakob+ sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn,+ nanso me din Yehowa+ no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.+

  • Exodus 33:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhunu m’anim nnya nkwa.”+

  • Deuteronomium 6:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.+

  • Marko 10:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa?+ Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ, Onyankopɔn.+

  • Yohane 4:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokorɛ mu.”+

  • Romafoɔ 1:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Na ne su hodoɔ a wɔnhunu+ no ada adi pefee firi wiase bɔ so,+ ɛfiri sɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wɔnni anoyie biara;+

  • 1 Korintofoɔ 8:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+

  • 1 Timoteo 1:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 sɛdeɛ anigyeɛ+ Nyankopɔn no animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa+ no teɛ no.

  • 1 Timoteo 2:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na Onyankopɔn koro+ na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn+ ne nnipa+ ntamgyinafoɔ+ koro, onipa Kristo Yesu+

  • Hebrifoɔ 9:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ,+ a ɛyɛ kronkronbea paa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛneeɛ, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+

  • 1 Yohane 4:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Na yɛn ara yɛabɛhunu, na yɛagye ɔdɔ+ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi.

      Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ+ mu no ne Onyankopɔn yɛ baako, na Onyankopɔn ne no yɛ baako.+

  • Adiyisɛm 4:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na honhom abɔdeɛ nnan+ no mu biara wɔ ntaban nsia;+ ani ayɛ wɔn ho nyinaa ne wɔn ntaban ase mpo mã.+ Wɔnhome awia ne anadwo, na wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa+ Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ+ a ɔreba no.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane