1 Timoteo
2 Enti deɛ ɛdi kan koraa no, mehyɛ wo nkuran sɛ momfa nkotɔsrɛ, mpaebɔ,+ srɛ a wɔsrɛ ma afoforɔ ne aseda nni mma nnipa ahodoɔ nyinaa,+ 2 ahemfo+ ne wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa;+ ɛno bɛma yɛde asomdwoeɛ ne kommyɛ abɔ yɛn bra onyamesom pa ne anidahɔ a ɛdi mũ mu.+ 3 Yei na ɛyɛ na ɛfata+ wɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn+ anim; 4 ɔno na ɔpɛ sɛ ɔgye+ nnipa ahodoɔ nyinaa+ ma wɔbɛnya nokorɛ+ no ho nimdeɛ+ a ɛdi mũ. 5 Na Onyankopɔn koro+ na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn+ ne nnipa+ ntamgyinafoɔ+ koro, onipa Kristo Yesu+ 6 a ɔde ne ho maeɛ sɛ agyedeɛ a ɛfata maa nnipa nyinaa+—yei na wɔbɛdi ho adanseɛ wɔ ne berɛ mu. 7 Adanseɛ+ yi nti na wɔyii me sɛ ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ+—nokorɛ na mereka,+ ɛnyɛ atorɔ—amanaman+ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie+ ne nokorɛ ho.
8 Enti mepɛ sɛ mmarima kura mpaebɔ mu baabiara, na wɔma nsa+ a ɛho teɛ so a abufuo+ ne akyinnyegyeɛ+ mma mu. 9 Saa ara nso na mepɛ sɛ mmaa de fɛreɛ+ ne adwenemteɛ hyɛ ntadeɛ a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔ soronko ne sika anaa nhwenneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den kɛse+ mu, 10 na mmom deɛ ɛfata mmaa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn,+ wɔ nnwuma pa+ mu.
11 Ɔbaa nyɛ komm mfiri ahobrɛaseɛ nyinaa mu nsua adeɛ.+ 12 Memma ɔbaa kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ+ anaasɛ ɔnni ɔbarima so tumi,+ na mmom sɛ ɔnyɛ komm. 13 Ɛfiri sɛ Adam na wɔdii kan bɔɔ no ansa na wɔrebɔ Hawa.+ 14 Afei nso ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa+ no, na mmom ɔbaa no na wɔdaadaa+ no maa no too mmara.+ 15 Nanso sɛ ɔkɔ so tena gyidie ne ɔdɔ ne ahoteɛ ne adwenemteɛ+ mu a, ɔnam abawoɔ+ so bɛnya ahobammɔ.