1 Timoteo
Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfoɔ+ adwuma a, na wapɛ adwuma pa. 2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ obi a asɛm nni ne ho,+ ɔyɛ okunu a ne yere yɛ baako, ɔkari pɛ+ wɔ ne nneyɛɛ mu, n’adwenem da hɔ,+ ɔyɛ n’adeɛ pɛpɛɛpɛ,+ ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔtumi kyerɛkyerɛ,+ 3 ɔnyɛ kɔwensani tutupɛfoɔ,+ ɔnyɛ pupopupo,+ na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔmpɛ ntɔkwa,+ ɔnyɛ sikanibereɛ,+ 4 ɔdi ɔno ara ne fie so yie,+ ne mma brɛ wɔn ho ase ma no anidie nyinaa mu;+ 5 (na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔbɛdi ɔno ara ne fie so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?) 6 ɔnyɛ abɛɛfo,+ ɛfiri sɛ anhwɛ a na wahoman+ ahwe atemmuo a wɔde ama Ɔbonsam no mu.+ 7 Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnni asafo no mu di ne ho adanse pa,+ na wanhwe ahohora ne Ɔbonsam fidie+ mu.
8 Saa ara na asafo mu asomfoɔ+ nso ani so nna hɔ, wɔnnyɛ ano nta, wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ nsanom bebrebe mu, wɔnnyɛ adufudepɛfoɔ apoobɔfoɔ,+ 9 na wɔmfa ahonim a emu teɛ+ nkura gyidie no ho ahuntasɛm kronkron+ no mu.
10 Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔsɔ yeinom hwɛ+ sɛ wɔfata ansa, na sɛ asɛm biara nni wɔn ho+ a, wɔama wɔasom.
11 Saa ara na mmaa nso ani so nna hɔ; wɔnnsɛe nkurɔfoɔ din,+ na mmom wɔnkari pɛ+ wɔn nneyɛɛ mu, na wɔnni nokorɛ wɔ biribiara mu.+
12 Ma asafo mu ɔsomfoɔ nyɛ okunu a ne yere yɛ baako,+ a ɔdi ne mma ne ɔno ara ne fie+ so sɛdeɛ ɛsɛ. 13 Na wɔn a wɔsom yie no renya gyinabea pa,+ na wɔtumi de ahotɔsoɔ kasa+ wɔ gyidie mu, Kristo Yesu mu.
14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn nnansa yi ara+ deɛ, nanso meretwerɛ yeinom abrɛ wo, 15 na sɛ ɛba sɛ mekyɛ a, woahunu kwan a ɛsɛ sɛ wofa so bɔ wo bra Onyankopɔn fie+ a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ no dum ne ne nnyinasoɔ no.+ 16 Nokorɛm no, onyamesom pa ho ahuntasɛm kronkron+ yi sõ: ‘Wɔyii no adi honam mu,+ wɔbuu no bem honhom mu,+ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfoɔ,+ wɔkaa ne ho asɛm amanaman+ mu, wɔgyee no dii wɔ wiase,+ wɔgyee no kɔɔ soro animuonyam mu.’+