Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
2 Enti deɛ ɛdi kan koraa no, m’afotuo ne sɛ momfa nkotosrɛ, mpaebɔ, srɛ a wɔsrɛ ma afoforɔ, ne aseda nni mma nnipa ahodoɔ nyinaa, 2 ahemfo ne wɔn a wɔwɔ diberɛ a ɛkorɔn* nyinaa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so de onyamesom pa ne anidahɔ a ɛdi mu abɔ yɛn bra wɔ asomdwoeɛ ne kommyɛ mu.+ 3 Ɛno na ɛyɛ na ɛfata wɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn+ anim; 4 ɔno na ɔpɛ sɛ ɔgye nnipa ahodoɔ nyinaa+ na wɔnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu. 5 Na Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ,+ ne afei Onyankopɔn ne nnipa+ ntamgyinafoɔ baako.+ Ɔno ne onipa Kristo Yesu.+ 6 Ɔno na ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ a ɛfata maa obiara*+ no. Wei na wɔbɛdi ho adanseɛ wɔ ɛno ara ne berɛ mu. 7 Adanseɛ yi nti+ na wɔyii me sɛ ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ,+ ne obi a ɔkyerɛkyerɛ gyidie ne nokorɛ no kyerɛ amanaman no.+ Nokorɛ na mereka, ɛnyɛ atorɔ na meredi.
8 Enti mepɛ sɛ mmarima na wɔbɔ mpaeɛ daa* wɔ baabiara, na wɔma nsa a ɛho teɛ so+ a abufuo+ ne akyinnyegyeɛ nni mu.+ 9 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmaa hyɛ ntaadeɛ a ɛfata, na wɔde ahobrɛaseɛ ne adwene a emu da hɔ siesie wɔn ho. Ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛ wɔbɛbɔ wɔn ti kuntann,* na wɔde sika kɔkɔɔ anaa nhwene pa anaa ntaadeɛ a ne bo yɛ den paa asiesie wɔn ho,+ 10 na mmom deɛ ɛhia ne sɛ wɔbɛyɛ nnwuma pa a ɛfata mmaa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn.+
11 Ɔbaa nyɛ komm, na ɔmfiri ahobrɛaseɛ nyinaa mu nsua adeɛ.+ 12 Memma ɔbaa kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so tumi, na mmom ɔnyɛ komm.*+ 13 Ɛfiri sɛ wɔdii kan bɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.+ 14 Afei nso, wɔannaadaa Adam, na mmom ɔbaa no na wɔdaadaa no koraa+ maa no too mmara. 15 Nanso sɛ ɔkɔ so* tena gyidie ne ɔdɔ ne kronkronyɛ mu, na ɔma n’adwene mu da hɔ+ a, ɔnam abawoɔ so+ bɛnya ahobammɔ.