Exodus
33 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔfa nnipa a wodii wɔn anim firii Egypt+ asase soɔ no na monsim nkɔ asase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefoɔ na mede bɛma wɔn’+ no so. 2 Mɛma me bɔfoɔ adi w’anim+ akɔtu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+ 3 Monkɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no so, na ɛsiane sɛ mo kɔn asene+ nti, me deɛ, me ne mo renkɔ na mankunkum mo ɛkwan no so.”+
4 Berɛ a ɔman no tee asɛm denden yi no, ɛyɛɛ wɔn ya na wɔdii awerɛhoɔ,+ na wɔn mu biara anhyɛ n’agudeɛ. 5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Moyɛ ɔman a mo kɔn asene.+ Mɛtumi aba mo mu seesei ara+ abɛsɛe mo nyinaa. Enti monyi agudeɛ a mode ahyehyɛ mo ho no, na mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.’”+ 6 Na ɛfiri Bepɔ Horeb+ ho ara, Israelfoɔ firii aseɛ yiyii wɔn ho agudeɛ nyinaa.
7 Afei Mose yii ne ntomadan no de kɔɔ nsraban no akyi nohoa, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔbisa+ Yehowa hɔ biribi a, na ɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ nsraban no akyi. 8 Na sɛ Mose firi adi sɛ ɔrekɔ ntomadan no mu a, nkurɔfoɔ no mu biara sɔre+ gyina hɔ, na wɔgyinagyina wɔn ntomadan anim hwɛ Mose atikɔ kɔsi sɛ ɔbɛwura ntomadan no mu. 9 Na sɛ Mose wura ntomadan no mu a, mununkum dum+ no bɛgyina ntomadan no ano, na Onyankopɔn ne Mose kasa.+ 10 Enti sɛ nkurɔfoɔ no nyinaa hunu mununkum dum+ no sɛ ɛgyina ntomadan no ano a, obiara sɔre bɔ ne mu ase wɔ ɔno ara ne ntomadan ano.+ 11 Yehowa ne Mose kasaa animu ne animu+ te sɛ deɛ obi ne ne yɔnko kasa. Na sɛ ɔsan kɔ nsraban no mu a, ne somfoɔ+ Yosua a ɔyɛ Nun ba+ no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.
12 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Di nkurɔfoɔ yi anim,’ nanso wonkyerɛɛ me deɛ me ne no bɛkorɔ. Na wo ara woaka sɛ, ‘Mede wo din nim wo,+ na woanya m’anim adom.’ 13 Na sɛ manya w’anim adom+ a, mesrɛ wo ma menhunu w’akwan,+ na ama mahu wo na makɔ so anya w’anim adom. Na kae sɛ ɔman yi yɛ wo man.”+ 14 Enti ɔkaa sɛ: “Me ara me ne wo bɛkɔ,+ na mɛma woahome.”+ 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ara wo ne yɛn renkɔ a, ɛnneɛ nyi yɛn mfiri ha. 16 Na sɛ wo ne yɛn ankɔ+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu sɛ me ne wo nkurɔfoɔ yi anya w’anim adom? Hwɛ, ɛnyɛ yei na ɛbɛma me ne wo nkurɔfoɔ yi ada nso wɔ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho?”+
17 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ woaka yi nso mɛyɛ,+ ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din nim wo.” 18 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menhunu w’animuonyam.”+ 19 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛma wode w’ani ahunu+ me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ Yehowa din wɔ w’anim.+ Na deɛ mɛhu no mmɔbɔ no, ɔno ara na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ me yam bɛhyehye me ama no no, ɔno ara na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhunu m’anim nnya nkwa.”+
21 Yehowa kaa bio sɛ: “Mewɔ baabi wɔ ha; bɛgyina botan yi so. 22 Na sɛ m’animuonyam retwam a, mede wo bɛhyɛ tokuro mu ɔbotan yi mu, na mede me nsa bɛkata wo so akɔsi sɛ mɛtwam akɔ. 23 Ɛno akyi no mɛyi me nsa, na wobɛhunu m’akyi. Na m’anim deɛ, worenhunu.”+