Exodus
33 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asaase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefoɔ* na mede bɛma wɔn’+ no, kɔfa nnipa a wodii wɔn anim firii Egypt asaase so no, na monsim nkɔ hɔ. 2 Mɛma me bɔfoɔ adi w’anim+ akɔtu Kaananfoɔ, Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ afiri asaase no so.+ 3 Monkɔ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ no so, na ɛsiane sɛ mo aso yɛ den*+ nti, me deɛ, me ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ anhwɛ a na makunkum mo ɛkwan no so.”+
4 Berɛ a ɔman no tee nsɛm a ano yɛ den saa no, wɔfirii aseɛ dii abooboo, na wɔn mu baako mpo anhyɛ agudeɛ. 5 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Moyɛ ɔman a mo aso yɛ den.*+ Sɛ moanhwɛ yie a, mɛba mo mu prɛko pɛ abɛsɛe mo nyinaa.+ Enti monnyae agudeɛ no hyɛ nkɔsi sɛ mɛhu deɛ mɛyɛ mo.’” 6 Ɛno nti ɛfiri Horeb Bepɔ ho rekɔ no, Israelfoɔ anhyɛ agudeɛ bio.*
7 Afei Mose tee ne ho kɔsii ntomadan wɔ asoɛeɛ no akyi, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Enti sɛ obi pɛ sɛ ɔbisa Yehowa hɔ biribi a,+ ahyiaeɛ ntomadan a ɛwɔ asoɛeɛ no akyi no, ɛhɔ na ɔkɔ. 8 Berɛ biara a Mose bɛfiri adi sɛ ɔrekɔ ntomadan no mu no, nkurɔfoɔ no mu biara sɔre gyina hɔ, na wɔgyinagyina wɔn ntomadan anim hwɛ Mose atikɔ kɔsi sɛ ɔbɛwura ntomadan no mu. 9 Sɛ Mose nya wura ntomadan no mu pɛ a, mununkum dum+ no siane ba ntomadan no ano; saa berɛ no na Onyankopɔn ne Mose kasa.+ 10 Sɛ nkurɔfoɔ no nyinaa hu mununkum dum no sɛ ɛwɔ ntomadan no ano a, wɔn mu biara sɔre bɔ ne mu ase wɔ ne ntomadan ano. 11 Yehowa ne Mose kasaa animu ne animu+ te sɛ deɛ obi ne ne yɔnko nipa kasa. Na sɛ ɔsan kɔ asoɛeɛ hɔ a, ne somfoɔ+ Yosua+ a ɔyɛ Nun ba no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.
12 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Woaka akyerɛ me sɛ, ‘Di nkurɔfoɔ yi anim,’ nanso wonkyerɛɛ me deɛ me ne no bɛkɔ. Wokaa bio sɛ, ‘Mede wo din nim wo,* na woanya m’anim adom nso.’ 13 Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ɛnneɛ ma menhu w’akwan,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu wo yie, na makɔ so anya w’anim adom. Kae nso sɛ ɔman yi yɛ wo man.”+ 14 Enti ɔkaa sɛ: “Me ara me* ne wo bɛkɔ,+ na mɛma woahome.”+ 15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ara wo* ne yɛn renkɔ a, ɛnneɛ mma yɛmmfiri ha. 16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfoɔ ahu sɛ me ne wo man anya w’anim adom?+ Ɛnyɛ wei na ɛbɛma me ne wo man ayɛ soronko wɔ asaase so aman nyinaa ho?”+
17 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ woabisa no nso mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din nim wo.” 18 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menhu w’animuonyam.” 19 Onyankopɔn kaa sɛ: “Mɛtwam wɔ w’anim, na mɛma woahu me papayɛ nyinaa, na mɛbɔ me din Yehowa no+ wɔ w’anim. Na deɛ mepɛ sɛ mehu no mmɔbɔ no, ɔno na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ me yam hyehye me ma no no, ɔno na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 20 Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Worentumi nhu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”
21 Yehowa kaa bio sɛ: “Baabi wɔ me nkyɛn ha; bɛgyina ɔbotan yi so. 22 Sɛ m’animuonyam retwam a, mede wo bɛhyɛ tokuro mu wɔ ɔbotan yi mu, na mede me nsa bɛkata wo so akɔsi sɛ mɛtwam akɔ. 23 Ɛno akyi no, mɛyi me nsa, na wobɛhu m’akyi. Na m’anim deɛ, worenhu.”+