Exodus
32 Berɛ a nkurɔfoɔ no huu sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔ no so no,+ wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim,+ ɛfiri sɛ ɔbarima Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.” 2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sika kɔkɔɔ asomuadeɛ+ a ɛhyehyɛ mo yerenom, mo mma mmarima, ne mo mma mmaa no, monyiyi mfa mmrɛ me.” 3 Enti obiara yii sika kɔkɔɔ asomuadeɛ a ɛhyɛ no no de brɛɛ Aaron. 4 Ɛnna ɔgye firii wɔn hɔ, na ɔnane de dadeɛ a wɔde di adwini yɛɛ ho adwuma maa no yɛɛ nantwie ba honi.*+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.”+
5 Berɛ a Aaron hunuiɛ no, ɔyɛɛ afɔrebukyia de sii ohoni no anim, na ɔkaa sɛ: “Ɔkyena yɛ Yehowa afahyɛ.” 6 Adeɛ kyeeɛ no, wɔsɔree ntɛm bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ. Afei nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.+
7 Ɛbaa saa no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Siane kɔ, na nkurɔfoɔ a wodii wɔn anim firii Egypt asaase so no agu wɔn ho fĩ.+ 8 Akwankyerɛ a mede maa wɔn no, wɔamma mframa amfa so koraa, wɔamane afiri ho.+ Wɔayɛ nantwie ba honi,* na wɔrekoto no bɔ afɔreɛ ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asaase so.’” 9 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahu sɛ nkurɔfoɔ yi aso yɛ den.*+ 10 Me bo afu wɔn paa; ma mentɔre wɔn ase na menyɛ wo mmom ɔman kɛseɛ.”+
11 Ɛnna Mose srɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn* sɛ:+ “O Yehowa, wo nkurɔfoɔ a wode tumi kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn firii Egypt asaase so no, adɛn nti na wo bo afu wɔn saa?+ 12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfoɔ ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn wɔ bepɔ no so na ɔtɔre wɔn ase firi asaase so’?+ Ma wo bo nnwo na gyinaeɛ a woasi sɛ wobɛyɛ wo man bɔne no, san hwɛ no bio.* 13 Kae w’akoa Abraham, Isak ne Israel a wode wo ho kaa wɔn ntam no. Woka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede asaase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefoɔ,* na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ daa.’”+
14 Enti gyinaeɛ a Yehowa sii sɛ ɔde bɔne bɛba ne nkurɔfoɔ so no, ɔsesaa n’adwene.*+
15 Afei Mose siane firii bepɔ no so. Ɔreba no, na Adanseɛ Abopono mmienu no+ kura no;+ emu biara, na wɔatwerɛ animu ne akyire. 16 Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ abopono no, na ɔno na ɔtwerɛɛ so.+ 17 Afei Yosua tee sɛ nnipa no reyɛ dede, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Dede yi deɛ, ɛte sɛ deɛ ɛko bi asi wɔ asoɛeɛ hɔ.” 18 Nanso Mose kaa sɛ:
19 Berɛ a Mose bɛn asoɛeɛ hɔ a ɔhuu nantwie ba+ ne asa no, ne bo fuiɛ, na ɔgyaa abopono no mu hwee bepɔ no ase maa no bubuiɛ.+ 20 Ɔde gya hyee nantwie ba a wɔayɛ no, na ɔyam no muhumuhu;+ afei ɔde petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomeeɛ.+ 21 Ɛno akyi no, Mose bisaa Aaron sɛ: “Ɛdeɛn na nkurɔfoɔ yi yɛɛ wo a enti woakɔdi wɔn akyi de bɔne a ɛte sei aba wɔn so yi?” 22 Ɛnna Aaron kaa sɛ: “Mma me wura bo mmfu. Wo ara wonim sɛ nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛnkyɛ na wɔreyɛ bɔne.+ 23 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ ɔbarima Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.’+ 24 Enti me nso mebisaa wɔn sɛ, ‘Hwan na ɔwɔ sika kɔkɔɔ? Ɔnyi mma me.’ Afei mede guu gya mu, na deɛ ɛfirii mu baeɛ ne nantwie ba yi.”
25 Mose huu sɛ nkurɔfoɔ no ayɛ deɛ wɔn ankasa pɛ, ɛfiri sɛ Aaron maa wɔn kwan ma wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ de guu wɔn anim ase wɔ wɔn atamfo anim. 26 Afei Mose bɛgyinaa asoɛeɛ no kwan ano bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ Yehowa afã? Ɔmmra mmɛgyina me nkyɛn!”+ Ɛnna Lewifoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne nkyɛn. 27 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Obiara mfa ne sekan mmɔ n’asene, na monkyini asoɛeɛ no mu nkɔ apono ano, na obiara nku ne nua, deɛ ɔte bɛn no, ne n’adamfo paa.’”+ 28 Lewifoɔ no yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na wɔkum nnipa bɛyɛ 3,000 saa da no. 29 Mose san kaa sɛ: “Montu mo ho nsi hɔ* mma Yehowa nnɛ, ɛfiri sɛ mo mu biara ne ɔno ara ne ba ne ne nua adi asie,+ na ɛnnɛ ɔbɛhyira mo.”+
30 Afei adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Moayɛ bɔne kɛseɛ, enti mɛkɔ Yehowa nkyɛn akɔhwɛ sɛ mɛtumi apata ama mo bɔne anaa.”+ 31 Enti Mose san kɔɔ Yehowa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔman yi bɔne so! Wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ onyame!+ 32 Nanso wobɛpene a, anka fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ anyɛ saa a ɛnneɛ mesrɛ wo, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”+ 33 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpepa ne din afiri me nwoma mu. 34 Afei kɔdi ɔman no anim kɔ faako a makyerɛ wo no. Hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim,+ na berɛ a mɛba abɛbu atɛn no duru a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.” 35 Ɛnna Yehowa twee ɔman no aso sɛ wɔyɛɛ nantwie ba, deɛ Aaron yɛeɛ no.