Exodus
31 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo+ mu, na ɔno na mayi no.* 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no ma na wanya nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 4 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 5 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini+ na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi.+ 6 Afei nso, mayi Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu sɛ ɔmmoa no, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ* nyinaa nso, mɛma wɔn nyansa na wɔatumi ayɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa:+ 7 ahyiaeɛ ntomadan no,+ Adanseɛ Adaka+ ne ne mmuasoɔ,+ nneɛma a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa, 8 ɛpono no+ ne ɛso nneɛma, kaneadua a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne ɛho nneɛma nyinaa,+ aduhwam afɔrebukyia,+ 9 afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ ne ɛso nneɛma nyinaa, ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ,+ 10 ntaadeɛ a wɔanwene no kama, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron no, ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ,+ 11 ɔsrango, ne aduhwam a ɛwɔ tenabea kronkron hɔ no.+ Wɔn na wɔbɛyɛ deɛ maka akyerɛ wo no nyinaa.”
12 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 13 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Me home nna no deɛ, monhwɛ sɛ mobɛdi,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhu sɛ me Yehowa na mate mo ho. 14 Monni Homeda no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma mo.+ Obiara a ɔbɛgu ho fĩ no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wɔkum* saa onipa* no firi ne man mu.+ 15 Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda, monhome koraa.+ Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di Homeda no; wɔbɛdi Homeda no wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɛyɛ daa apam. 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfoɔ ntam daa,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ soro ne asaase, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhomeeɛ na ɔdwodwoo ne ho.’”+
18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Sinai Bepɔ so no, ɔde Adanseɛ Abopono mmienu maa Mose,+ abopono a Onyankopɔn de ne nsateaa atwerɛ so.+