-
Exodus 35:30-34Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Hwɛ, Yehowa ayi Hur ba Uri ba a ɔde Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu.+ 31 Onyankopɔn de ne honhom ahyɛ no ma, na wama no nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 32 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 33 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi. 34 Ɔde ahyɛ n’akomam nso sɛ ɔnkyerɛkyerɛ; ɔno ne Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu.
-