Exodus
35 Akyire yi, Mose frɛɛ Israel asafo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nie:+ 2 Nnansia na momfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛbɛyɛ da kronkron ama mo. Ɛyɛ Yehowa Homeda a mode bɛhome koraa.+ Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ mosɔ gya wɔ mo tenabea biara Homeda.”
4 Afei Mose ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, 5 ‘Monnyegye ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a n’akoma ka no+ no bɛtumi de nneɛma yi bi abrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 6 ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi,+ 7 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nwoma, ɔkanto dua, 8 ngo a wɔde bɛgu nkanea mu, balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne aduhwam,+ 9 abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkataboɔ+ mu.
10 “‘Ma adwumayɛfoɔ a wɔn ho akokwa*+ nyinaa mmra mmɛyɛ deɛ Yehowa aka nyinaa. 11 Wɔmmɛyɛ ɔsom ntomadan no ne ɛho nneɛma ne ne nkatasoɔ, ɛho nnadeɛ nketewa ne nnua ne deɛ wɔde bɛbeabea mu, ɛho adum ne ne nnyinasoɔ; 12 Adaka no+ ne nnua a wɔde bɛsoa+ ne ne mmuasoɔ+ ne ntwamutam+ no; 13 ɛpono no+ ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛso nneɛma nyinaa, paanoo a wɔde kyerɛ;+ 14 kaneadua no+ ne nkanea a ɛsisi so ne ɛho nneɛma nyinaa, ngo a wɔde bɛgu mu;+ 15 afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so,+ nnua a wɔde bɛsoa, ɔsrango ne aduhwam,+ ntoma* a wɔde bɛsɛn ɔsom ntomadan no kwan ano; 16 afɔrebukyia a wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so+ ne kɔbere nkantankantan a ɛda so ne nnua a wɔde bɛsoa ne ɛho nneɛma nyinaa; ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ;+ 17 ntoma a wɔde bɛsensɛn adihɔ hɔ,+ adum a ɛwɔ hɔ ne ne nnyinasoɔ; ntoma* a wɔde bɛsɛn adihɔ no kwan ano; 18 deɛ wɔde bɛbobɔ ɔsom ntomadan no ntoma ne adihɔ hɔ ntoma no atim fam ne ɛho nhoma;+ 19 ntaadeɛ a wɔanwene no kama+ a wɔde bɛsom wɔ tenabea kronkron hɔ, ɔsɔfoɔ Aaron ntaade kronkron,+ ne ntaadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ no.’”
20 Ɛnna Israel asafo no nyinaa firii Mose anim kɔeɛ. 21 Na obiara a n’akoma kaa no no baeɛ,+ na obiara a ne honhom kanyan no no baeɛ, na ɔbɛyii ntoboa maa Yehowa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛhɔ som adwuma nyinaa ne ntaade kronkron no. 22 Mmarima ne mmaa nyinaa pu baeɛ, obiara a n’akoma kaa no no baeɛ. Wɔde agudeɛ a wɔde bobɔ ntaadeɛ mu, asomuadeɛ, nkawa, ne agudeɛ foforɔ ne nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ nyinaa bi baeɛ. Obiara de sika kɔkɔɔ nneɛma no yɛɛ afɔrebɔdeɛ* maa Yehowa.+ 23 Na obiara de deɛ ɔwɔ baeɛ: ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ahoma papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi, adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, ne sukraman nwoma. 24 Obiara a ɔyii dwetɛ ne kɔbere sɛ ne ntoboa no de brɛɛ Yehowa, na obiara a ɔwɔ ɔkanto dua no nso de baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no.
25 Mmaa a wɔnim adwuma+ no nyinaa de asaawa yɛɛ nhoma,* na deɛ wɔde baeɛ nie: ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera. 26 Afei nso, mmaa a wɔnim adwuma a wɔn akoma kaa wɔn no nyinaa de apɔnkye nwi yɛɛ nhoma.
27 Deɛ mpanimfoɔ no nso de baeɛ ne abohene tuntum ne aboɔ foforɔ a wɔde bɛbobɔ efɔd ne nkataboɔ+ mu, 28 ne balsam ngo ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛyɛ ɔsrango+ ne aduhwam.+ 29 Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, ɔbarima anaa ɔbaa biara a n’akoma kaa no no de biribi baa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no. Israelfoɔ de ayamyɛ afɔreɛ brɛɛ Yehowa.+
30 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Hwɛ, Yehowa ayi Hur ba Uri ba a ɔde Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu.+ 31 Onyankopɔn de ne honhom ahyɛ no ma, na wama no nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 32 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 33 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi. 34 Ɔde ahyɛ n’akomam nso sɛ ɔnkyerɛkyerɛ; ɔno ne Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu. 35 Wama wɔn nimdeɛ+ a wɔde bɛyɛ adwumfoɔ adwuma na wɔde ahoma adi adwini, na wɔatumi de ahoma bruu, ahoma afasebire, ahoma kɔkɔɔ, ne ahoma papa a wɔde yɛ nwera ayɛ ntomanwemfoɔ adwuma. Mmarima yi bɛyɛ nnwuma ahodoɔ nyinaa bi, na wɔbɛdi adwini ahodoɔ nyinaa bi.