-
Exodus 31:2-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo+ mu, na ɔno na mayi no.* 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no ma na wanya nyansa, nteaseɛ, ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ nsaanodwuma biara, 4 na ɛbɛma no ayɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 5 ne obi a ɔtumi de aboɔ di adwini+ na ɔsene nnua de yɛ nneɛma hodoɔ nyinaa bi.+ 6 Afei nso, mayi Ahisamak ba Oholiab+ a ɔfiri Dan abusuakuo mu sɛ ɔmmoa no, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ* nyinaa nso, mɛma wɔn nyansa na wɔatumi ayɛ deɛ maka akyerɛ wo nyinaa:+
-