-
Exodus 28:9-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 “Afei fa abohene tuntum+ mmienu na twerɛ* Israel mma no din+ wɔ so. 10 Twerɛ din nsia wɔ boɔ baako so, na twerɛ nsia a aka no nso wɔ boɔ baako no so; fa firi panin so kɔsi kumaa so. 11 Ma obi a ɔtumi twerɛ boɔ so ntwerɛ Israel mma no din wɔ aboɔ mmienu no so sɛdeɛ wɔtwerɛ adeɛ wɔ ahyɛnsodeɛ so no.+ Fa sika kɔkɔɔ yɛ biribi te sɛ nsiaseɛ ketewa bi a wɔde aboɔ no biara bɛtare so.
-