-
Exodus 30:23-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 “Afei kɔhwehwɛ nnuhwam papa: kurobo a ada nnwetɛbena 500, na fa sinamon hwamhwam te sɛ kurobo no fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbena 250, ne kalamus aduhwam nnwetɛbena 250, 24 ne kasia aduhwam nnwetɛbena 500, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no,*+ ne ngo hin* baako. 25 Fa yɛ ɔsrango kronkron; ɛsɛ sɛ mofra no yie paa.*+ Ɛbɛyɛ ɔsrango kronkron.
-