Exodus
30 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia+ a wɔbɛhye aduhwam wɔ so.+ 2 Ma n’afã nnan nyinaa nyɛ pɛ; ma ne tenten nyɛ basafa* baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako; ɛfiri fam kɔsi soro nso nyɛ basafa mmienu. Yɛ afɔrebukyia no ne ne mmɛn nyinaa bom.+ 3 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa; ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na fa sika kɔkɔɔ toto ano hyia. 4 Afei baabi a wode sika kɔkɔɔ bɛtoto ano ahyia no, fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu mmienu wɔ n’ase, ebi wɔ fã ha na ebi nso wɔ fã ha. Ɛno na wɔde nnua no bɛhyehyɛ mu de asoa. 5 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sene, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa. 6 Fa si ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim wɔ Adanseɛ Adaka no ho.+ Ma no nsi Adanseɛ Adaka no mmuasoɔ anim, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ wo no.+
7 “Aaron+ bɛhye aduhwam+ wɔ so.+ Anɔpa biara, sɛ ɔbɛhwɛ nkanea+ no a, ɔbɛhye aduhwam no wɔ afɔrebukyia no so. 8 Afei sɛ ɛduru anwummerɛ a anim rebiribiri* na sɛ Aaron sɔ nkanea no a, ɔbɛhye aduhwam no. Ɛyɛ aduhwam a daa mobɛhye wɔ Yehowa anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 9 Ɛnsɛ sɛ mohye aduhwam biara a monni hokwan sɛ mohye wɔ so,+ na ɛnsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, aduane afɔreɛ, anaa nsã afɔreɛ biara wɔ so. 10 Afe biara, aboa a Aaron de bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no,+ ɔde ne mogya no bi bɛsosɔ mmɛn no ho de ate afɔrebukyia no ho. Ɔbɛyɛ saa prɛko afe biara+ de apata ama afɔrebukyia no wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ kronkron paa ma Yehowa.”
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Berɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ de ahu wɔn dodoɔ no,+ ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua agyedeɛ bi ma Yehowa de pata ma ne nkwa* na mmusuo biara amma wɔn so berɛ a worekan wɔn no. 13 Wɔn a wɔbɛkan wɔn nyinaa, wɔbɛtua dwetɛbena* fã, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Dwetɛbena biara yɛ gerah* 20. Dwetɛbena fã yi ne ntoboa a wɔbɛyi ama Yehowa.+ 14 Obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔbɛkan no no bɛyi ntoboa ama Yehowa.+ 15 Dwetɛbena* fã no, ɛnsɛ sɛ sikani tua boro so na ɛnsɛ sɛ ohiani nso te so. Ɛyɛ ntoboa a mobɛtua ama Yehowa de apata ama mo nkwa.* 16 Gyegye dwetɛ sika no firi Israelfoɔ no hɔ fa pata ma wɔn, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan hɔ adwuma, na ayɛ nkaeɛ wɔ Yehowa anim ama Israelfoɔ, na apata ama mo nkwa.”*
17 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Fa kɔbere yɛ ɛsɛn ne ne nnyinasoɔ,+ na fa nsuo gu mu si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam; ɛno na wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mma bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 20 Ansa na wɔbɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia no ho de egya abɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa no, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. 21 Ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. Wei yɛ ahyɛdeɛ a ɔne n’asefoɔ bɛdi so daa wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Afei kɔhwehwɛ nnuhwam papa: kurobo a ada nnwetɛbena 500, na fa sinamon hwamhwam te sɛ kurobo no fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbena 250, ne kalamus aduhwam nnwetɛbena 250, 24 ne kasia aduhwam nnwetɛbena 500, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no,*+ ne ngo hin* baako. 25 Fa yɛ ɔsrango kronkron; ɛsɛ sɛ mofra no yie paa.*+ Ɛbɛyɛ ɔsrango kronkron.
26 “Fa sra ahyiaeɛ ntomadan no+ ne Adanseɛ Adaka no ho; 27 ɛne ɛpono no ne ɛho nneɛma nyinaa, kaneadua no ne ɛho nneɛma, aduhwam afɔrebukyia no, 28 afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ne ɛho nneɛma nyinaa, ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ no. 29 Te weinom nyinaa ho ma no nyɛ kronkron paa.+ Obiara a ɔde ne nsa bɛka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.+ 30 Sra Aaron+ ne ne mma+ na te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim.+
31 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Wei bɛkɔ so ayɛ ɔsrango kronkron ama me wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 32 Ɛnsɛ sɛ ɔdasani biara de bi sra anaa ɔyɛ ne nsɛsoɔ biara. Ɛyɛ kronkron, na ɛbɛkɔ so ayɛ kronkron ama mo. 33 Obiara a ɔbɛyɛ ngo te sɛ wei de asra obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ* no, wɔbɛku* no afiri ne man mu.’”+
34 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa nnuhwam+ yi na susu ne nyinaa pɛ: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ* papa. 35 Fa ne nyinaa fra yɛ aduhwam;+ ɛsɛ sɛ mofra no yie paa* na mohyɛ no nkyene,+ na ɛyɛ aduhwam kronkron a wɔmfraa mu. 36 Si bi ma no nyɛ muhumuhu na fa bi si Adanseɛ Adaka no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ wo no. Ɛyɛ ade kronkron paa. 37 Sɛdeɛ wobɛyɛ saa aduhwam yi deɛ, monhwɛ na obiara anyɛ bi amfa.+ Mommu no sɛ ade kronkron wɔ Yehowa anim. 38 Sɛ ne hwam nti obi yɛ bi a, wɔbɛku* no afiri ne man mu.”