Exodus
30 “Afei fa ɔkanto dua yɛ aduhwam bukyia a wɔbɛhye aduhwam+ wɔ soɔ. 2 Ma no nyɛ ahinanan; ne ntwemu nyɛ basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako. Na ne tenten nyɛ basafa mmienu. Yɛ mmɛn tuatua ho.+ 3 Fa sika amapa yɛ ho nyinaa, ɛso, nkyɛnmu, ne ne mmɛn. Na fa sika di adwini toto ano hyia.+ 4 Afei fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu wɔ nkyɛnmu, benkum ne nifa, wɔ adwini no ase, na wɔde nnua ahyehyɛ mu asoa.+ 5 Fa ɔkanto sene nnua no na fa sika dura ho.+ 6 Na fa si ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim wɔ adanseɛ adaka+ no ho. Ma no nsi Adanseɛ no mmuasoɔ anim, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ woɔ+ no.
7 “Na Aaron bɛhye+ aduhwam+ wɔ so. Anɔpa biara, berɛ a ɔrebɛhwɛ nkanea+ no, ɔbɛhye aduhwam no. 8 Na sɛ ɛduru anwummerɛ na Aaron bɛsɔ nkanea no a, ɔbɛhye aduhwam no. Ɛyɛ aduhwam a mobɛhye daa daa wɔ Yehowa anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 9 Monnhye aduhwam hunu+ biara wɔ so, na mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ, anaa nsã afɔdeɛ biara nso wɔ so. 10 Na afe biara, Aaron de aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho mpata afɔdeɛ+ no mogya bɛsosɔ mmɛn no so de ate afɔrebukyia no ho. Ɔbɛyɛ saa prɛko afe biara de apata ama afɔrebukyia no,+ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma Yehowa.”
11 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Berɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ de ahunu wɔn dodoɔ+ no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua biribi ma Yehowa de pata ma ne kra+ na asiane biara anto wɔn berɛ a worekan wɔn no.+ 13 Obiara a wɔbɛkan no biara bɛtua dwetɛbena fã, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ.+ Dwetɛbena biara yɛ gerah aduonu. Dwetɛbena fã yi ne ntoboa a wɔbɛyi ama Yehowa.+ 14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa a wɔbɛkan no no bɛyi ntoboa ama Yehowa.+ 15 Ɛnsɛ sɛ osikani tua boro dwetɛbena fã, na ohiani nso nnte so.+ Ɛyɛ ntoboa a mobɛtua ama Yehowa de apata ama mo kra.+ 16 Na gyegye dwetɛ mpata sika no firi Israelfoɔ no hɔ na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no ho som,+ na ɛnyɛ nkaeɛ Yehowa anim mma Israelfoɔ, na wɔmfa mpata mma mo kra.”
17 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 “Fa kɔbere yɛ ɛsɛn na fa bi yɛ ne nnyinasoɔ+ si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu+ na wɔde ahohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. 19 Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.+ 20 Ansa na wɔbɛkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia no ho de egya abɔ afɔdeɛ ama Yehowa+ no, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu. 21 Wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho na wɔanwuwu.+ Yei yɛ ahyɛdeɛ a ɔne n’asefoɔ bɛdi so daa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
22 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 “Hwehwɛ nnuhwam papa:+ kurobo+ mono nnwetɛbena ahanum, anoatre+ saa ara fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbena ahanu aduonum, ne kalamo+ aduhwam nnwetɛbena ahanu aduonum, 24 ne kasia+ aduhwam nnwetɛbena ahanum, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea+ hɔ, ne ngodua ngo hin+ baako. 25 Fa yɛ ɔsra ngo kronkron, nnuhwam a ɛyɛ adufrafoɔ nsa ano adwuma.+ Ɛnyɛ ɔsra ngo kronkron.+
26 “Fa sra ahyiaeɛ ntomadan+ no ne adanseɛ adaka no, 27 ne ɛpono no ne ɛso nneɛma nyinaa, ne kaneadua no ne ɛho nneɛma, ne aduhwam bukyia, 28 ne afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ ne ɛho nneɛma nyinaa, ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ, no ho. 29 Te yeinom nyinaa ho ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.+ Obiara a ɔde ne nsa bɛka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.+ 30 Sra Aaron+ ne ne mma+ na wɔnyɛ kronkron na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim.+
31 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei bɛkɔ so ayɛ me sra ngo kronkron, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 32 Ɔdasani biara mmfa nnsra, na monnyɛ ne nsɛsoɔ biara. Ɛyɛ kronkron, na ɛnkɔ so nyɛ kronkron mma mo. 33 Obiara a ɔbɛyɛ ngo te sɛ yei de aka onipahunu biara no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu.’”+
34 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwehwɛ nnuhwam+ yi: stakiti, onika, galbanum, ne ɛhyɛ.+ Susu ne nyinaa pɛpɛɛpɛ. 35 Fa ne nyinaa fra yie na hyɛ no nkyene+ ma no nyɛ aduhwam+ kronkron a emu teɛ, adufrafoɔ nsa ano adwuma. 36 Afei si bi ma no nyɛ muhumuhu na fa bi si Adanseɛ no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan+ no mu, baabi a mɛyi me ho adi akyerɛ woɔ+ no. Ɛnyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma mo. 37 Na aduhwam a wobɛyɛ yi deɛ, monhwɛ na obiara anyɛ bi amfa,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron wɔ Yehowa anim.+ 38 Sɛ ne hwa nti obi yɛ aduhwam yi bi a, wɔbɛtwa+ no afiri ne man mu.”