13 Ɔmfa aduhwam no ngu gya no so wɔ Yehowa anim,+ na aduhwam wisie kumɔnn no nkata Adaka no mmuasoɔ+ a ɛwɔ Adanseɛ no+ soɔ no ho. Ma no nyɛ saa na wanwu.
40 Ɛbɛyɛɛ nkaeɛ adeɛ maa Israelfoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a ɔmfiri Aaron abusua mu hye aduhwam Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne badwa no,+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
28 Meyii no firii Israel mmusuakuo nyinaa mu+ sɛ ɔnni me sɔfoɔ na ɔmforo m’afɔrebukyia+ na ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ wisie ne ne hwa mforo nkɔ soro, na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ m’anim, na me nso mede deɛ Israelfoɔ de bɔ afɔdeɛ egya soɔ nyinaa bɛma wo nana fiefoɔ.+
13 Amram mma ne Aaron+ ne Mose.+ Nanso wɔyii Aaron sii hɔ+ sɛ ɔne ne mma nte Kronkron mu Kronkronbea+ no ho daa, na wɔmmɔ afɔdeɛ+ Yehowa anim, na wɔnsom no,+ mfa ne din nhyira+ nkɔsi daa.