Exodus
31 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ɔfiri Yuda abusuakuo mu, na ɔno na mabɔ ne din afrɛ no.+ 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no mã na wanya nyansa ne nteaseɛ ne nimdeɛ a ɛbɛtumi ama no de ahokokwa ayɛ adwuma biara.+ 4 Ɔbɛyɛ odwumfoɔ a ɔwɔ sika ne dwetɛ ne kɔbere ho nimdeɛ+ 5 ne adwene a ɛbɛtumi ama no de aboɔ adi adwini+ na wasene nnua ayɛ nneɛma ahodoɔ.+ 6 Mede Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu+ bɛka ne ho, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ nyinaa nso, mede nyansa bɛhyɛ wɔn akomam na wɔatumi ayɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa:+ 7 ahyiaeɛ ntomadan+ no, adanseɛ adaka+ ne ne mmuasoɔ,+ ne nneɛma a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa, 8 ɛpono no ne ɛso nneɛma,+ sika kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa,+ ne aduhwam bukyia,+ 9 ne afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ soɔ ne ɛso nneɛma nyinaa,+ ne ɛsɛn no ne ne nnyinasoɔ+ no, 10 ne ntadeɛ a wɔanwene ne ɔsɔfoɔ Aaron ntade kronkron ne ntadeɛ a ne mma de bɛsom sɛ asɔfoɔ,+ 11 ne ɔsra ngo ne aduhwam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no. Wɔbɛyɛ deɛ mahyɛ woɔ biara.”
12 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 13 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Me homeda no deɛ, monhwɛ sɛ mobɛdie,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛno na ɛbɛma moahunu sɛ me Yehowa na mate mo ho.+ 14 Monni homeda no, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron ma mo.+ Obiara a ɔbɛgu ho fĩ no, wɔbɛku no.+ Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu.+ 15 Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda, monhome koraa.+ Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛku no. 16 Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di homeda no wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ daa apam.+ 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfoɔ ntam daa,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛtɔ so nson no ɔhomeeɛ, ɔdwodwoo ne ho.’”+
18 Afei berɛ a ɔne Mose kasa wiee wɔ Bepɔ Sinai soɔ no, ɔde Adanseɛ apono mmienu+ maa Mose, aboɔpono a Onyankopɔn de ne nsateaa+ atwerɛ soɔ.