Exodus
32 Berɛ a nkurɔfoɔ no hunuu sɛ Mose akyɛre bepɔ no soɔ+ no, wɔpiaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim,+ na Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asase soɔ+ no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.” 2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyiyi sika asomuadeɛ+ a ɛhyehyɛ mo yerenom ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa asom no mfa mmrɛ me.” 3 Enti obiara yii sika asomuadeɛ a ɛhyɛ n’asom no de brɛɛ Aaron. 4 Ɔgye firii wɔn hɔ na ɔnane de adwinnadeɛ yɛɛ+ no nantwie ba honi a wɔaguo.+ Afei wɔkaa sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asase soɔ.”+
5 Berɛ a Aaron hunuu yei no, ɔyɛɛ afɔrebukyia de sii honi no anim, na ɔkaa sɛ: “Ɔkyena yɛ Yehowa afahyɛ.” 6 Adeɛ kyeeɛ no, wɔsɔree ntɛm bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Afei nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.+
7 Ɛbaa saa no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛ ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ a wodii wɔn anim firii Egypt asase soɔ no asɛe wɔn ho.+ 8 Wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ sɛ wɔmfa soɔ no so,+ wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Wɔayɛ nantwie ba honi, na wɔkoto no bɔ afɔdeɛ ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asase soɔ.’”+ 9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahwɛ ahunu sɛ nkurɔfoɔ yi kɔn asene.+ 10 Ma menyi m’abufuo adi na mentɔre wɔn ase+ na menyɛ wo ɔman kɛseɛ.”+
11 Ɛnna Mose bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwodwo Yehowa, ne Nyankopɔn, bo+ sɛ: “Yehowa, adɛn na wo bo afu+ wo nkurɔfoɔ a wode tumi kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn firii Egypt asase soɔ yi? 12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfoɔ+ ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn bepɔ no soɔ na ɔtɔre wɔn ase firi asase soɔ’?+ Ma wo bo nnwo+ na sesa w’adwene+ wɔ bɔne a worebɛyɛ wo man yi ho. 13 Kae w’akoa Abraham ne Isak ne Israel a wokaa wɔn ntam+ sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma+ na mede asase a mekyerɛɛ mo no nyinaa bɛma mo asefoɔ,+ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ daa’+ no.”
14 Afei Yehowa gyaee deɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ ne nkurɔfoɔ no.+
15 Ɛno akyi no, Mose siane firii bepɔ no+ so. Ɔreba no na Adanseɛ apono mmienu+ a wɔatwerɛ n’afanu nyinaa, ɛha ne ha, kura no. 16 Onyankopɔn ara na ɔyɛɛ aboɔpono no, na ɔno na ɔtwerɛɛ soɔ.+ 17 Na Yosua tee sɛ nnipa no reyɛ dede, na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Dede yi deɛ, ɛte sɛ deɛ ɛko bi asi+ nsraban no mu.” 18 Na ɔkaa sɛ:
“Ɛnyɛ nkonimdie ho osebɔ,+
Na ɛnyɛ nkogudie ho benabɔ;
Dwom foforɔ na meteɛ yi.”
19 Berɛ a Mose bɛn nsraban no a ɔhunuu nantwie ba+ ne asa no, ne bo fuiɛ, na ɔgyaa aboɔpono no mu hwee bepɔ no ase maa no bubuiɛ.+ 20 Na ɔde gya hyee nantwie ba a wɔayɛ no, na ɔyam no muhumuhu+ de petee nsuo ani+ maa Israelfoɔ no nomeeɛ.+ 21 Ɛno akyi no, Mose bisaa Aaron sɛ: “Ɛdeɛn na nnipa yi ayɛ woɔ a wode bɔne a ɛte sei aba wɔn soɔ?” 22 Ɛnna Aaron kaa sɛ: “Mma me wura bo mmfu. Wo ara wonim adwemmɔne a nkurɔfoɔ yi kura.+ 23 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame ma yɛn na ɔnni yɛn anim,+ na Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asase soɔ no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.’ 24 Enti me nso mebisaa wɔn sɛ, ‘Hwan na ɔwɔ sika kɔkɔɔ? Ɔnyi mma me.’ Ɛnna mede guu gya mu, na deɛ ɛfirii mu baeɛ ne nantwie ba yi.”
25 Na Mose hunuu sɛ nnipa no yɛɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ, ɛfiri sɛ Aaron maa wɔn kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ+ de guu wɔn anim ase wɔn atamfo anim.+ 26 Afei Mose bɛgyinaa nsraban no kwan ano bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ Yehowa afã? Ɔmmra mmɛgyina me nkyɛn!”+ Ɛnna Lewifoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne nkyɛn. 27 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Obiara mfa ne nkrantɛ mmɔ n’asene. Afei momfa nsraban no apono nyinaa mu, na deɛ obiara bɛhu no biara, ne nua oo, ne yɔnko oo, n’adamfo oo, ɔnku no.’”+ 28 Lewifoɔ+ no yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na wɔkum nnipa bɛyɛ mpem mmiɛnsa saa da no. 29 Mose san kaa sɛ: “Monhyɛ mo nsam den mma Yehowa+ nnɛ, ɛfiri sɛ mo mu biara asɔre atia ɔno ara ne ba ne ne nua,+ na moanya ne hɔ nhyira nnɛ.”+
30 Adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Moayɛ bɔne kɛseɛ,+ na mɛkɔ Yehowa nkyɛn. Ebia mɛtumi apata ama mo bɔne.”+ 31 Enti Mose kɔɔ Yehowa nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔman yi bɔne sõ, ɛfiri sɛ wɔayɛ sika nyame!+ 32 Mesrɛ sɛ fa wɔn bɔne kyɛ wɔn,+ anyɛ saa a ɛnneɛ pepa me din+ firi nwoma+ a woatwerɛ no mu.” 33 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ wayɛ me bɔne no na mɛpepa ne din afiri me nwoma mu.+ 34 Afei di ɔman no anim kɔ deɛ makyerɛ woɔ no. Hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim,+ na da no duru sɛ mede asotwe ba a, wɔn bɔne nti mɛtwe wɔn aso.”+ 35 Na Yehowa twee ɔman no asõ sɛ wɔyɛɛ nantwie ba, deɛ Aaron yɛeɛ no.+