-
Adiyisɛm 17:8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Aboa a wohunuu no no, na ɔwɔ hɔ,+ nanso ɔnni hɔ, na ɔrebɛfiri amena donkodonko+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛeɛ mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asase soɔ no hunu sɛdeɛ na aboa no wɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔbɛba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa pii, nanso wɔntwerɛɛ wɔn din wɔ nkwa nwoma+ no mu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.+
-