Daniel
12 “Saa berɛ no, Mikael,+ ɔsafohene+ kɛseɛ a ɔgyina hɔ+ ma wo man+ mma no bɛsɔre agyina. Na ahohia a ɛfiri berɛ a ɔman baeɛ ebi mmaa da bɛba.+ Saa berɛ no, wo manfoɔ bɛnya wɔn tiri adidi mu,+ obiara a wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no.+ 2 Na wɔn a wɔdeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane;+ ebinom bɛkɔ daa nkwa mu,+ na ebinom nso ayɛ ahohoradeɛ ne daa akyiwadeɛ.+
3 “Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ wiem hyerɛn,+ na wɔn a wɔde nnipa bebree ba tenenee mu no+ bɛyɛ sɛ nsoromma daa daa.
4 “Na wo Daniel, to nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano+ kɔsi awieeɛ berɛ no.+ Nnipa bebree bɛtweetwee mu,* na nimdeɛ a ɛdi mu bɛdɔɔso.”+
5 Na me, Daniel, mehunuiɛ na hwɛ! abɔfoɔ foforɔ mmienu gyinagyina hɔ.+ Baako gyina asubɔnten no ano ha na baako nso gyina asubɔnten no ano ha.+ 6 Na baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera+ a ɔwɔ asubɔnten no nsuo soɔ no sɛ: “Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛkɔ akɔduro?”+ 7 Na metee ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsuo soɔ no nne, na ɔmaa ne nsa nifa ne ne nsa benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa+ no ntam+ sɛ: “Ɛbɛkɔ akɔduru berɛ, mmerɛ ne berɛ fã.+ Na sɛ wɔsɛe ɔman kronkron no ahoɔden+ wie ara pɛ a, yeinom nyinaa bɛba awieeɛ.”
8 Na meteeɛ, nanso mante aseɛ,+ enti mebisaa sɛ: “Ao me wura, nneɛma yi awieeɛ bɛyɛ sɛn?”+
9 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daniel, wo deɛ, kɔ, ɛfiri sɛ wɔato nsɛm no mu asɔ ano kɔsi awieeɛ berɛ no.+ 10 Nnipa bebree bɛte wɔn ho+ na wɔayɛ fitaa,+ na wɔayiyi wɔn mu fĩ.+ Amumuyɔfoɔ bɛdi amumuyɔsɛm,+ na omumuyɔfoɔ biara rente aseɛ;+ mmadwemma na wɔbɛte aseɛ.+
11 “Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi+ daa afɔdeɛ+ na wɔde akyiwadeɛ+ a ɛbɔ man asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.
12 “Anigyeɛ+ ne deɛ ɔtwɛn kɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no!
13 “Na wo deɛ, kɔ kɔduru awieeɛ;+ wobɛhome,+ na woasɔre abɛnya wo kyɛfa, nna no awieeɛ.”+