16 Saa berɛ no wɔn a wɔsuro Yehowa+ no ne wɔn ho kasaeɛ, obiara ne ne yɔnko, na Yehowa yɛɛ aso tieeɛ.+ Na wɔtwerɛɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ n’anim+ maa wɔn a wɔsuro Yehowa na wɔdwene ne din ho no.+
23 badwa anim,+ ne mmakan+ a wɔatwerɛ wɔn din+ wɔ soro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Temmufoɔ+ no anim, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ+ no honhom fam asetena+ mu,
5 Enti deɛ ɔdi nkonim+ no wɔde ntadeɛ ngugusoɔ fitaa bɛhyɛ no;+ na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfoɔ anim.+