Daniel
11 “Me deɛ, Mediani+ Dario afe a ɛdi kan mu no, mesɔre gyinaa sɛ ne boafoɔ ne ne botan. 2 Enti afei mereka nokwasɛm akyerɛ wo:+
“Hwɛ! ahemfo mmiɛnsa foforɔ bɛsɔre agyina wɔ Persia,+ na deɛ ɔtɔ so nnan+ no bɛnya ahonyadeɛ pii asene wɔn a wɔaka nyinaa.+ Na sɛ n’ahonyadeɛ ma no nya ahoɔden ara pɛ a, ɔbɛhwanyan biribiara atia Hela+ ahennie.
3 “Na ɔhenkɛseɛ bi bɛsɔre, na ɔbɛdi tumi akɔ akyiri+ na wayɛ deɛ ɔpɛ.+ 4 Sɛ ɔnya sɔre gyina a,+ n’ahennie no mu bɛbubu na wɔbɛkyekyɛ mu akɔ ɔsoro mframa+ nnan no fam,+ nanso ɛrenkɔdi n’asefoɔ nsam,+ na ɛrenyɛ sɛ tumi a ɔde dii adeɛ no, ɛfiri sɛ wɔbɛtutu n’ahennie ase ama afoforɔ, na ɛnyɛ yeinom.
5 “Na anafoɔ fam hene no, kyerɛ sɛ, n’asahene no baako, bɛyɛ den. Ɔno deɛ, ɔbɛdi baako no so nkonim, na ɔbɛdi tumi akɔ akyiri asene tumi a baako no nyaeɛ no.
6 “Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛfa wɔn ho yɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa bɛba atifi fam hene no nkyɛn na wɔayɛ apam. Nanso ɔbaa no basa ahoɔden+ no rentena hɔ; ɔhene no ne ne basa nso rennyina, na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, ne deɛ ɔwoo no, ne deɛ ɔmaa no yɛɛ den saa mmerɛ no ama. 7 Obi bɛsɔre afiri ɔbaa no nhini mu duforɔ+ mu abɛsi n’ananmu, na ɔbɛba asraafoɔdɔm mu abɛto ahyɛ atifi fam hene no dwankɔbea so, na ɔbɛsɔre atia wɔn adi wɔn so. 8 Afei nso ɔde wɔn anyame,+ wɔn ahoni, wɔn dwetɛ ne sika afɛfɛdeɛ, ne nnommum bɛkɔ Egypt. Na ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho mfeɛ dodoɔ bi.
9 “Ɔbɛba anafoɔ fam hene no ahennie mu na wasan akɔ n’asase so.
10 “Ne mma ani bɛbere na wɔaboaboa asraafoɔdɔm kɛseɛ paa ano. Ɔbɛba abɛyiri afa asase no so. Nanso ɔbɛsan akɔ, na ɔbɛwoso ne ho ara akɔduru ne dwankɔbea hɔ.
11 “Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere na wafiri adi ne no akɔko, kyerɛ sɛ, ɔne atifi fam hene no bɛko. Na ɔbɛma dɔm kɛseɛ asɔre, na wɔde dɔm kɛseɛ no bɛhyɛ baako no nsa.+ 12 Wɔbɛsoa dɔm no akɔ. N’akoma bɛma ne ho so,+ na ɔbɛma mpem du du atotɔ; nanso ɔremfa n’ahoɔden kɛseɛ no nyɛ adwuma.
13 “Na atifi fam hene no bɛsan aba, na ɔbɛboaboa dɔm kɛseɛ a ɛsene kane deɛ no ano; mmerɛ no awieeɛ, mfeɛ bi akyi no, ɔbɛba, na ɔde asraafoɔdɔm kɛseɛ+ ne nneɛma pii+ na ɛbɛba. 14 Saa mmerɛ no, nnipa bebree bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no.
“Wo man mu adwotwafoɔ mma no nso bɛdi akyire sɛ wɔbɛma anisoadehunu aba mu,+ nanso wɔbɛsuntisunti.+
15 “Na atifi fam hene no bɛba abɛto pampim+ na wafa kuro a wɔabɔ ho ban. Na anafoɔ fam abasa no deɛ, ɛne ne nkurɔfoɔ a wayi wɔn no nyinaa rennyina; wɔrennya ahoɔden a wɔde bɛgyina. 16 Na deɛ ɔbɛba ne soɔ no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na obi rentumi nnyina n’anim. Ɔbɛgyina asase Fɛfɛ+ no so, na ɔde ɔsɛeɛ bɛhyɛ ne nsam aba.+ 17 Ɔde n’ani bɛsi so+ sɛ ɔde n’ahennie nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no bɛyɛ apam,+ na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara.+ Wɔde mmaa babaa bɛma no sɛ ɔnsɛe no. Na ɔbaa no rennyina, na ɔrenyɛ ne dea bio.+ 18 Na ɔbɛsan de n’ani akyerɛ mpoano nsase+ so na wafa pii. Na ɔsahene bi bɛma n’ahohora afiri ne so na ama n’ahohora no agyae. Ɔbɛma no asan akɔgu baako no so. 19 Ɔde n’ani bɛkyerɛ n’asase so dwankɔbea, na ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.+
20 “Na obi bɛsɔre asi n’ananmu+ a ɔbɛma togyeni+ abɛfa ahennie fɛfɛ no mu, na nna kakraa bi no, wɔbɛsɛe no, nanso ɛrenyɛ abufuo anaa akodie mu.
21 “Obi foforɔ bɛsɔre asi n’ananmu a wɔbɛbu no animtia,+ na wɔremfa ahennie no mu animuonyam mma no; ɔbɛba asomdwoeɛ berɛ mu,+ na ɔde adɛfɛdɛfɛsɛm+ bɛgye ahennie no. 22 Na nsuyire abasa+ no, ne nti wɔbɛyiri afa wɔn so abubu wɔn,+ na wɔbɛbubu apam+ no Kannifoɔ+ no nso.+ 23 Ɛsiane sɛ wɔne no bɛfa yɔnkoɔ nti, ɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ, na ɔbɛsɔre aba, na ɔnam ɔman ketewa bi so bɛyɛ kɛse.+ 24 Asomdwoeɛ berɛ mu+ na ɔbɛkɔ ahemman no mu baabi a ɛyɛ, na ɔbɛyɛ deɛ ne papa ne ne papa papanom anyɛ. Ɔbɛpete afomdeɛ ne asadeɛ ne nneɛma wɔn mu, na ɔbɛbɔ baabi a wɔabɔ ho ban ho pɔ bɔne,+ nanso ɛbɛkɔ akɔsi berɛ bi.
25 “Ɔde asraafoɔdɔm kɛseɛ bɛkanyan ne tumi ne n’akoma atia anafoɔ fam hene no; anafoɔ fam hene no nso ani bɛbere, na ɔde asraafoɔdɔm kɛseɛ a wɔyɛ den boro soɔ bɛba abɛko. Na ɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔ bɔne. 26 Wɔn a wɔne no to nsa didie na wɔbɛsɛe no.
“N’asraafoɔdɔm nso, wɔbɛyiri afa wɔn so, na nnipa pii bɛtotɔ.
27 “Na ahemfo mmienu yi akoma bɛdane akɔ bɔne ho na wɔatena ɛpono+ baako ho akeka atosɛm.+ Nanso ne nyinaa bɛyɛ kwa,+ ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba berɛ a wɔahyɛ no.+
28 “Ɔde nneɛma pii bɛsan akɔ n’asase so, na n’akoma bɛsɔre atia apam+ kronkron no. Ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara,+ na n’asase so na ɔbɛsan akorɔ.
29 “Berɛ a wɔahyɛ+ no mu na ɔbɛsan aba anafoɔ fam,+ nanso akyire yi deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no. 30 Kitim+ ahyɛn bɛba ne so, na ɔbɛboto.
“Ɔbɛsan akɔ, na n’abufuo+ bɛdɛre atia apam+ kronkron no na wayɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara; ɔbɛsan akɔ, na ɔde n’ani bɛsi wɔn a wɔagya apam kronkron no so. 31 Na abasa bɛfiri ne mu asɔre agyina; wɔbɛgu kronkronbea,+ dwankɔbea no, ho fĩ, na wɔayi daa afɔdeɛ+ no afiri hɔ.
“Na wɔde akyiwadeɛ+ a ɛbɔ man+ no bɛsi hɔ.
32 “Wɔn a wɔyɛ bɔne tia apam+ no, ɔde kasadɛ+ bɛtwetwe wɔn ama wɔawae.+ Na wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn+ no deɛ, wɔbɛdi nkonim+ na wɔayɛ deɛ ɛsɛ. 33 Wɔn a wɔwɔ nhunumu+ wɔ nkurɔfoɔ no mu no bɛma nnipa pii anya nteaseɛ.+ Wɔbɛsuntisunti nkrantɛ ne gya ne nkoasom ne afomfa ano,+ nna dodoɔ bi. 34 Nanso sɛ wɔma wɔsuntisunti a, wɔde mmoa kakra bɛma wɔn.+ Na nnipa pii nam adɛfɛdɛfɛ+ so de wɔn ho bɛbɔ wɔn. 35 Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ nhunumu no bi asuntisunti+ na ama wɔn nti, wɔayiyi wɔn mu fĩ ahohoro wɔn ho ate wɔn ho fitaa+ akɔsi awieeɛ berɛ+ no, ɛfiri sɛ ɛfa berɛ a wɔahyɛ no ho.+
36 “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔno ara pɛ, na ɔbɛma ne ho so ahyɛ ne ho animuonyam asene onyame biara;+ ɔbɛka nsɛm akɛseɛ atia anyame mu Nyankopɔn+ no. Na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ akɔsi sɛ abufuo no bɛba awieeɛ,+ ɛfiri sɛ deɛ wɔahyɛ no bɛba mu. 37 Ɔremmu ne papanom Nyankopɔn no; ɔremmu mmaa anigyedeɛ ne onyame foforɔ biara, na ɔbɛma ne ho so asene obiara.+ 38 Ne dibea mu no, dwankɔbea nyame no na ɔbɛhyɛ no animuonyam; onyame a ne papanom nnim no na ɔde sika ne dwetɛ ne aboɔden aboɔ ne afɛfɛdeɛ bɛhyɛ no animuonyam. 39 Na ɔbɛdi ananafoɔ nyame bi akyi ayɛ deɛ ɔpɛ atia abandenden mu abandenden no. Obiara a ɔbɛgye no atom no, ɔbɛhyɛ no animuonyam pii, na wama no adi nnipa pii so, na ɔbɛkyekyɛ nsase agye akatua.
40 “Awieeɛ berɛ no mu no, anafoɔ fam hene+ no ne no bɛdi apiapia, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne po so ahyɛn bɛba ne so sɛ ahum; ɔbɛba abɛsene afa nsase no so na wayiri afa so. 41 Ɔbɛkɔ+ asase Fɛfɛ+ no nso so, na nsase pii bɛsunti.+ Na yeinom deɛ, wɔbɛfiri ne nsam, Edom ne Moab+ ne Ammon mma mu atitire no. 42 Ɔbɛkɔ so atene ne nsa wɔ nsase no so, na Egypt+ asase deɛ, ɛremfiri mu mfi. 43 Ɔbɛdi sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Egypt afɛfɛdeɛ nyinaa so. Na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi.
44 “Nanso ɔbɛtete amanneɛbɔ bi afiri apueeɛ+ ne atifi fam, na ɛbɛha no,+ na ɔde abufuo kɛseɛ bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na watɔre wɔn ase.+ 45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ,+ na ɔrennya ɔboafoɔ biara.+