Daniel
11 “Me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no,+ mesɔre gyinaa sɛ mɛboa no na mahyɛ no den.* 2 Deɛ merebɛka akyerɛ wo yi yɛ nokorɛ:
“Hwɛ! Ahemfo mmiɛnsa foforɔ bɛba Persia, na ɔhene a ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ pii asene wɔn a wɔaka nyinaa. Na sɛ n’ahonyadeɛ ma ɔnya ahoɔden a, ɔbɛwoso biribiara ama akɔ atia Greece ahennie.+
3 “Na ɔhenkɛseɛ bi bɛba, na n’ahennie mu bɛtrɛ+ na wayɛ deɛ ɔpɛ biara. 4 Na sɛ n’ahennie no gyina a, ɛbɛgu, na wɔbɛkyekyɛ mu akɔ atifi, anaafoɔ, apueeɛ, ne atɔeɛ.*+ Nanso ɛrenkɔdi n’asefoɔ nsam, na ɛrenyɛ sɛ tumi a ɔde dii adeɛ no, ɛfiri sɛ wɔbɛtu n’ahennie ase de ama ebinom, na ɛnyɛ n’asefoɔ.
5 “Na anaafoɔ fam hene no, kyerɛ sɛ, ɔhenkɛseɛ no asahene no baako, bɛyɛ den. Nanso, baako bi nso bɛdi ne so nkonim, na n’ahennie mu bɛtrɛ, na ɛbɛyɛ kɛseɛ asene baako no* deɛ no.
6 “Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛka wɔn ho abom, na anaafoɔ fam hene no babaa bɛba atifi fam hene no nkyɛn ama wɔayɛ apam. Nanso basa a ɛma ɔbaa no tumi no bɛfiri ne nsa. Ɔhene no ne ne basa nso rennyina. Na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ no ama, na deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔmaa no yɛɛ den wɔ saa mmerɛ no mu nso, wɔbɛyi wɔn ama. 7 Na ɔbaa no aseni bi bɛba abɛsi ɔhene no* anan, na ɔbɛba asraafoɔ no nkyɛn abɛto ahyɛ atifi fam hene no abandenden so. Ɔne wɔn bɛko, na ɔbɛdi wɔn so nkonim. 8 Afei nso, ɔde wɔn anyame, wɔn dadeɛ ahoni,* wɔn nneɛma a ɛyɛ fɛ* a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ, ne nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn bɛkɔ Egypt. Na ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho mfeɛ dodoɔ bi. 9 Atifi fam hene no bɛba abɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene no ahennie so, nanso ɔbɛsan akɔ n’asaase so.
10 “Ne* mma bɛhyehyɛ wɔn ho sɛ wɔrekɔko, na wɔbɛboaboa asraafoɔ bebree paa ano. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛba abɛtwi afa asaase no so te sɛ nsuyire. Nanso ɔbɛsan n’akyi, na ɔbɛko ara akɔduru n’abandenden mu.
11 “Na anaafoɔ fam hene no bo bɛfu, na ɔbɛkɔ na ɔne no akɔko. Kyerɛ sɛ, ɔne atifi fam hene no bɛko. Na ɔbɛboaboa* dɔm kɛseɛ ano, nanso wɔde dɔm kɛseɛ no bɛhyɛ baako no* nsa. 12 Na wɔbɛsoa dɔm no akɔ. N’akoma bɛma ne ho so, na ɔbɛma mpempem bebree awuwu; nanso ɔremfa tumi kɛseɛ a wanya no nyɛ adwuma.
13 “Na atifi fam hene no bɛsan aba, na ɔbɛboaboa dɔm kɛseɛ a ɛsene kane deɛ no ano. Mfeɛ bi akyi, mmerɛ no awieeɛ no, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔde asraafoɔ pii ne nneɛma pii bɛba. 14 Saa mmerɛ no, nnipa bebree bɛsɔre atia anaafoɔ fam hene no.
“Na wo man mu aturuturafoɔ* bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma anisoadehunu no aba mu, nanso wɔbɛhwehwe ase.
15 “Na atifi fam hene no bɛba abɛto akoban,* na wako afa kuro bi a wɔabɔ ho ban. Na anaafoɔ fam asraafoɔ* no rennyina, na ne nkurɔfoɔ a wayi wɔn no nso rennyina. Na wɔrennya ahoɔden biara a wɔde bɛgyina. 16 Deɛ ɔbɛba* abɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene so no bɛyɛ deɛ ɔpɛ biara, na obiara rentumi nnyina n’anim. Ɔbɛgyina Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe adeɛ. 17 Ɔde bɛsi n’ani so sɛ ɔde n’ahennie mu ahoɔden nyinaa bɛba, na ɔne no bɛyɛ apam; na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie. Wɔde mmaa babaa bɛma no sɛ ɔnsɛe no. Na ɔbaa no rennyina, na ɔrenyɛ ne dea bio. 18 Na ɔbɛsan de n’ani akyerɛ mpoano nsaase so, na ɔbɛko afa nsaase no pii. Na ɔsahene bi bɛma n’animguaseɛ afiri ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’animguaseɛ no bɛfiri hɔ. Ɔbɛma animguaseɛ no akɔgu baako no* so. 19 Na ɔbɛdane n’ani* akɔ abandenden a ɛwowɔ n’asaase so no ho, na ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.
20 “Na obi bɛba abɛsi n’anan, na ɔbɛma obi a ɔgyegye toɔ* abɛfa ahennie fɛfɛɛfɛ no mu, nanso nna kakraa bi akyi no, wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɛko na wɔde bɛsɛe no.
21 “Obi foforɔ bɛba abɛsi n’anan. Ɔno deɛ, wɔbɛbu no onipahunu,* na wɔremfa ahennie no mu animuonyam mma no. Ɔbɛba asomdwoeɛ berɛ mu,* na ɔde kɛtrɛmadɛ* bɛgye ahennie no. 22 Na asraafoɔ* a wɔte sɛ nsuyire no, ɔbɛpra wɔn akɔ, na ɔbɛbubu wɔn. Na Deɛ ɔdi apam no anim nso, ɔbɛbubu no.+ 23 Ɛsiane sɛ ebinom ne no bɛfa yɔnkoɔ nti, ɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ, na ɔnam ɔman ketewa bi so bɛba abɛyɛ kɛseɛ. 24 Asomdwoeɛ berɛ mu* na ɔbɛkɔ baabi a ɛyɛ paa* wɔ ɔmantam no mu, na ɔbɛyɛ deɛ ne papa ne ne nananom anyɛ. Ɔbɛkyekyɛ nneɛma a wafom, ne nneɛma a wanya wɔ ɛko mu,* ne nneɛma foforɔ ama nkurɔfoɔ. Na ɔbɛbɔ mmeaeɛ a wɔabɔ ho ban ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ berɛ tiaa bi.
25 “N’akoma bɛka no ama ɔde ne tumi ako atia anaafoɔ fam hene no, na ɔde asraafoɔ bebree bɛkɔ ne so. Anaafoɔ fam hene no nso bɛboaboa ne ho ne no akɔko, na ɔde asraafoɔ akokoɔdurofo dɔm kɛseɛ paa na ɛbɛkɔ. Na ɔrentumi* nnyina, ɛfiri sɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔ. 26 Wɔn a wɔdi ne nnuane pa no bi no, wɔn na wɔbɛma wahwe ase.
“Na n’asraafoɔ nso, wɔbɛpra wɔn akɔ,* na nnipa pii bɛwuwu.
27 “Na ahemfo mmienu yi bɛdwene adwemmɔne; wɔbɛtena ɛpono baako ho, na obiara bɛka atosɛm akyerɛ ne yɔnko. Nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba wɔ berɛ a wɔahyɛ no.+
28 “Ɔde nneɛma pii bɛsan akɔ n’asaase so, na n’akoma bɛsɔre atia apam kronkron no. Deɛ ɔbɛyɛ no bɛyɛ yie, na ɔbɛsan akɔ n’asaase so.
29 “Berɛ a wɔahyɛ no so a, ɔbɛsan aba, na wabɛto ahyɛ anaafoɔ fam hene no so. Nanso saa berɛ yi renyɛ sɛ kane no, 30 ɛfiri sɛ Kitim ahyɛn+ bɛba ne so, na wɔbɛbrɛ no ase.
“Na ɔbɛsan n’akyi, na ɔde abufuo bɛkasa atia apam kronkron no,+ na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie. Ɔbɛsan akɔ, na wɔn a wɔmfa apam kronkron no nyɛ hwee no, ɔde n’adwene bɛkɔ wɔn so. 31 Na n’asraafoɔ* bɛkeka wɔn ho, na wɔbɛgu tenabea kronkron no ho fĩ,+ kyerɛ sɛ, abandenden no, na wɔayi adeɛ a wɔyɛ no daa no* afiri hɔ.+
“Na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ man no bɛba.+
32 “Na wɔn a wɔyɛ bɔne tia apam no, ɔde kasadɛ* bɛtwetwe wɔn ama wɔate atua. Nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no deɛ, wɔbɛdi nkonim, na deɛ wɔbɛyɛ no bɛyɛ yie. 33 Ɔman no mu nnipa a wɔwɔ nhunumu no+ bɛma nnipa pii anya nteaseɛ. Na sekan ne egya bɛkunkum ebinom, wɔbɛkye ebinom akɔ, na wɔafom ebinom nneɛma; weinom nyinaa bɛkɔ so nna dodoɔ bi. 34 Nanso sɛ wɔkɔ amanehunu mu saa a, wɔbɛboa wɔn kakra. Na nnipa pii nam kasadɛ* so de wɔn ho bɛbɔ wɔn. 35 Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ nhunumu no bi ahunu amane sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyiyi wɔn mu fĩ, ahohoro wɔn ho, ate wɔn ho fitaa+ akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no nnurui.
36 “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so na wahyɛ ne ho animuonyam asene onyame biara; ɔbɛka nsɛm akɛseɛ atia anyame mu Nyankopɔn no.+ Na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yie akɔsi sɛ abufuo no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ deɛ wɔaka ato hɔ no bɛba mu. 37 Ɔremfa obuo biara mma ne papanom Nyankopɔn, ɔremfa obuo mma deɛ mmaa ani gye ho no, na ɔremfa obuo mma onyame foforɔ biara, na ɔbɛma ne ho so asene obiara. 38 Abandenden nyame no mmom na ɔbɛhyɛ no animuonyam; onyame a ne papanom nnim no no, ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden aboɔ ne afɛfɛdeɛ* bɛhyɛ no animuonyam. 39 Na onyame foforɔ bi bɛboa no ama wako atia abandenden mu abandenden no, na ɛbɛyɛ yie ama no. Wɔn a wɔbɛgye no atom no,* ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam pii, na ɔbɛma wɔadi nnipa pii so, na ɔbɛtwitwa nsaase atɔn.*
40 “Awieeɛ berɛ no mu no, anaafoɔ fam hene no ne no* bɛpiapia wɔn ho,* na atifi fam hene no de nteaseɛnam, ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so, ne po so ahyɛn bebree bɛba ne so sɛ mframa kɛseɛ; ɔbɛba nsaase no so abɛtwi afa so te sɛ nsuo a ayiri. 41 Afei nso, ɔbɛkɔ Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na ɔbɛdi nsaase pii so nkonim. Nanso weinom deɛ, wɔbɛnya wɔn ho atete: Edom ne Moab ne Ammonfoɔ mu atitire no. 42 Na ɔbɛkɔ so ato ahyɛ nsaase no so, na Egypt asaase rennya ne ho ntete. 43 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde asie, ne Egypt afɛfɛdeɛ* nyinaa, ɔno na ɔbɛkyerɛ deɛ wɔde bɛyɛ. Na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’akyi.*
44 “Nanso ɔbɛte nsɛm bi afiri apueeɛ* ne atifi, na ɛbɛha no, na ɔde abufuo kɛseɛ bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa. 45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no* bepɔ kronkron no ntam,+ na n’awieeɛ bɛba, na ɔrennya ɔboafoɔ biara.